Nnwom45twi_aka

Koramma dwom. Ayeforohyia dwom.

1Botae bi a edi mu akanyan me komabere a merebɔ ɔhene mmran no;me tɛkrɛma yɛ ɔkyerɛwfo kunini bi kyerɛwdua.
2Wudi mu koraa wɔ mmarima muna wɔde adom bi asra wʼano,esiane sɛ Onyankopɔn ahyira wo afebɔɔ no nti.3Fa wʼafoa bɔ wo nkyɛn mu, okokuroko;fa anuonyam ne kɛseyɛ fura.4Fa wo kɛseyɛ mu kɔ wʼanim nkonimdi sowɔ nokware, ahobrɛase ne trenee mu;ma wo nsa nifa nna wo nnwuma a ɛyɛ nwonwa no adi.5Ma wo bɛmma nnamnam no nhwirew ɔhene atamfo koma mu;na ma amanaman nhwe wʼanan ase.6Ao Onyankopɔn, wʼahengua no bɛtena hɔ daa daa;trenee ahempema bɛyɛ wʼahenni no ahempema.7Wodɔ trenee na wukyi bɔne.Ɛno nti Onyankopɔn, wo Nyankopɔn de wo asi wo mfɛfo so,na ɔde anigye ngo asra wo.8Kurobow, pɛprɛ ne bɛwewonua hua agye wo batakari mu nyinaa;sanku so nnwom a efi ahemfi a wɔde asonse asiesie ho muma wʼani gye.9Ahemfo mmabea ka wo mmea atitiriw ho;wo nsa nifa so na ayeforo dehye a ɔhyɛ Ofir sikakɔkɔɔ gyina.
10Ɔbabea tie, dwene ho, na yɛ osetie;ma wo werɛ mfi wo nkurɔfo ne wo papa fi.11Wʼahoɔfɛ asɔ ɔhene no ani;di no ni, efisɛ ɔno ne wo wura.12Tiro Babea de ayɛyɛde bɛba;mmarima adefo bɛdɛfɛdɛfɛ wo.
13Ɔhene babea a ɔwɔ ne pia mu no yɛ onuonyamfowɔde sikakɔkɔɔ abobɔ nʼatade yuu mu.14Ɔhyɛ ntade a wɔadi mu adwinni na wɔde no kɔma ɔhene;ne mfɛfo mmabun di nʼakyina wɔde wɔn nyinaa brɛ wo.15Wɔde ahosɛpɛw ne anigye kɔ mu;wɔhyɛn ɔhempɔn no ahemfi.
16Wo mmabarima besi wʼagyanom anan muwobɛyɛ wɔn mmapɔmma wɔ asase no so nyinaa.17Mɛma wɔakae wo wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu;ɛno nti amanaman bɛkamfo wo daa nyinaa. Wɔde ma dwonkyerɛfo.