Nnwom42twi_aka

Koramma “maskil” dwom.

1Sɛnea ɔforote pere hwehwɛ nsuwansuwa no,saa ara na me kra pere hwehwɛ wo, me Nyankopɔn.2Onyankopɔn ho sukɔm de me kra, Onyankopɔn teasefo no.Da bɛn na metumi akohyia Onyankopɔn?3Me nisu ayɛ mʼaduanawia ne anadwo,na da mu nyinaa nnipa bisa me se:“Wo Nyankopɔn wɔ he?”4Saa nneɛma yi na mekaebere a mereka me koma mu nsɛm;sɛnea na midi asafokuw anim,na yɛde anigye nteɛteɛmu ne aseda nnwomnantew yuu bɔ mu kɔ Onyankopɔn fiwɔ afahyɛ da no.
5Me kra, adɛn, na woabotow?Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa?Fa wo ho to Onyankopɔn so,na mɛkɔ so ayi no ayɛ,mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn.
6Me kra abotow wɔ me mu,enti mɛkae wofi Yordan asase so,Hermon mmepɔw so, fi Bepɔw Misar so.7Ebun kɔ bun muwɔ wo nsu a ɛworo gu no nnyigyei mu;wʼasorɔkye nyinaaabu afa me so.
8Adekyee mu, Awurade kyerɛ nʼadɔe,adesae mu, ne dwom ba me nkyɛn,mpae a mebɔ srɛ me nkwa Nyankopɔn.
9Mibisa Onyankopɔn, me Botan no se,“Adɛn nti na wo werɛ afi me?Adɛn nti na ɛsɛ sɛ menantenantew twa adwo,mʼatamfo nhyɛso nti?”10Me nnompe te ɔdesani yawdi,mʼahohiahiafo ateetee nti,daa nyinaa wobisa me se,“Wo Nyankopɔn wɔ he?”
11Me kra, adɛn, na woabotow?Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa?Fa wo ho to Onyankopɔn so,na mɛkɔ so ayi no ayɛ,mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn.