Nnwom40twi_aka
Dawid dwom.
1Mede boasetɔ twɛn Awurade;na ɔhwɛɛ me, na ɔtee me sufrɛ.2Oyii me fii amoa a mu yɛ toro mu,fii dɔte ne dontori mu;ɔde mʼanan sii ɔbotan sona ɔmaa me baabi pa gyinae.3Ɔde dwom foforo hyɛɛ mʼanom,ayeyi dwom a yɛde ma yɛn Nyankopɔn.Bebree behu na wɔasuro,na wɔde wɔn werɛ ahyɛ Awurade mu.4Nhyira ne onipa aɔde Awurade yɛ nʼahotoso,nea ɔmfa nʼani nto ahomaso so,ne wɔn a wɔman di anyame huhuw akyi.5Awurade me Nyankopɔnwoayɛ anwonwade bebree.Nneɛma a wohyehyɛ maa yɛn noobiara ntumi nka ne nyinaa nkyerɛ wo;sɛ meka se mereka ne nyinaa ho asɛm aɛbɛdɔɔso dodo.6Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛde,nanso woabue mʼaso;woampɛ ɔhyew afɔre ne bɔne afɔre.7Na mekae se, “Mini, maba,sɛnea wɔakyerɛw afa me ho wɔ nhoma mmobɔwee no mu no.8Me Nyankopɔn, mepɛ sɛ meyɛ wʼapɛde;wo mmara wɔ me koma mu.”9Meka wo trenee ho asɛm wɔ guabɔ kɛse ase;mimmua mʼano,Awurade, sɛnea wunim no.10Memmfa wo trenee ho asɛm nsie me koma mu;meka wo nokware ne wo nkwagye ho asɛm.Mankata wʼadɔe ne wo nokware sowɔ guabɔ kɛse no ase.11Awurade, nyi wʼahummɔbɔ mfi me so;ma wʼadɔe ne wo nokware mmɔ me ho ban daa.12Ɔhaw bebree atwa me ho ahyia;mʼamumɔyɛ abu afa me so enti minhu ade bio.Ɛdɔɔso sen me ti so nwi,na me koma abotow wɔ me mu.13Awurade, ma ɛnsɔ wʼani sɛ wubegye me;Awurade, bra ntɛm bɛboa me.14Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no nyinaa,ma wɔn anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;ma wɔn a wɔpɛ sɛ mesɛe nomfa aniwu nsan wɔn akyi.15Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me nonsan wɔn akyi, esiane wɔn aniwu nti.16Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaansɛpɛw wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu;ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka da biara se,“Awurade yɛ ɔkɛse!”17Nanso meyɛ ohiani ne mmɔborɔni;ma Awurade nnwen me ho.Wo ne me boafo ne me gyefo;wo ne me Nyankopɔn, bra ntɛm. Wɔde ma dwonkyerɛfo.