Nnwom39twi_aka
Dawid dwom.
1Mekae se, “Mɛhwɛ mʼakwan yiyena mamfa me tɛkrɛma anyɛ bɔne;mɛto mʼano nnarekabere a amumɔyɛfo bɛn me yi.2Enti meyɛɛ komma manka asɛm papa biara mponanso mʼapinisi mu yɛɛ den.3Me koma ho guan no wɔ me mu.Midwinnwen no, ogya dɛwee;afei mede me tɛkrɛma kasae se:4“Awurade, ma minhu me nkwa awieine me nna dodow;ma minhu sɛnea me nkwa si twa mu ntɛm so.5Woayɛ me nna sɛ nsateaa baako pɛ;na me mfe dodow nyɛ hwee wɔ wʼani so.Onipa nkwa yɛ ɔhome bi kɛkɛ.6Onipa redi akɔneaba nyinaa no, ɔte sɛ sunsuma bi kwa;ɔhaw ne ho nanso ɔyɛ kwa;ɔboa ahonya ano na onnim nea ɛbɛyɛ ne de.7“Afei Awurade, dɛn na merehwehwɛ?Mʼanidaso wɔ wo mu.8Gye me fi me bɔne nyinaa mu;mma mennyɛ nkwaseafo aserewde.9Meyɛɛ komm, na mammue mʼano,efisɛ wo na woayɛ eyi.10Yi wʼasotwe fi me so;wo nsa ano amanehunu amene me.11Woka nnipa anim, na wotwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho;wosɛe wɔn ahonya te sɛ nwewee;onipa biara yɛ ɔhome kɛkɛ.12“Awurade, tie me mpaebɔ,tie me sufrɛ;nsiw wʼaso wɔ me su ho.Me ne wo te hɔ sɛ ɔnanani,sɛnea na mʼagyanom nyinaa te no.13Yi wʼani fi me so na manya nkwa bio,ansa na mafi ha a mente ase bio.” Wɔde ma dwonkyerɛfo.