Nnwom37twi_aka
Dawid dwom.
1Nhaw wo ho, nnebɔneyɛfo nti;mma wʼani mmmere wɔn a wɔyɛ bɔne;2Wɔte sɛ sare, ɛrenkyɛ na ahyew,wɔte sɛ dua amono, ɛrenkyɛ na awu.3Fa wo ho to Awurade so na yɛ papa.Tena asase no so na ma wʼani nka asomdwoe adidibea hɔ.4Ma wʼani nnye wɔ Awurade muna wama wo nea wo koma pɛ.5Fa wʼakwan hyɛ Awurade nsam;na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ:6ɔbɛma wo treneeyɛ ahyerɛn sɛ adekyee,na wʼatɛntrenee ayɛ sɛ owigyinae.7Yɛ komm wɔ Awurade anim na tɔ wo bo ase twɛn no,nhaw wo ho wɔ wɔn a asi wɔn yiye hoefisɛ wɔnam bɔne akwan so.8Mma wo bo mmfuw na gyae abufuwhyew;nhaw wo ho, ekowie bɔne nko ara.9Wobetwa nnebɔneyɛfo agu,nanso wɔn a wɔn ani da Awurade so nowobenya asase no adi so.10Ɛrenkyɛ, nnebɔneyɛfo bɛyera.Wɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso wɔrenhu wɔn.11Nanso ahobrɛasefo benya asase no adi sona wɔanya asomdwoe mmoroso.12Amumɔyɛfo bɔ pɔw bɔne tia atreneefona wɔtwɛre wɔn se gu wɔn so;13nanso Awurade serew amumɔyɛfo,na onim sɛ wɔn nna abɛn.14Amumɔyɛfo twe afoana wokuntun wɔn ta musɛ wobekum ahiafo ne mmɔborɔfo,sɛ wobekum wɔn a wɔn akwan teɛ.15Nanso wɔn afoa bɛwowɔ wɔn ankasa koma mu,na wɔn ta mu abubu.16Kakra a atreneefo wɔ no som bosen amumɔyɛfo bebree ahonya;17efisɛ amumɔyɛfo ahoɔden bɛsananso Awurade bɛwowaw atreneefo.18Awurade nim wɔn a wɔn ho nni asɛm no nna,na wɔn agyapade bɛtena hɔ daa.19Ahohiahia bere mu wɔremmrɛ.Ɔkɔm bere mu wobenya ama abu so.20Nanso amumɔyɛfo bɛyera.Awurade atamfo bɛyɛ sɛ nwura mu nhwiren;wobetu ayera sɛ wusiw.21Amumɔyɛfo pɛ bosea, na wontua,nanso ɔtreneeni de ahummɔbɔ ma;22Wɔn a Awurade ahyira wɔn no benya asase no adi so,na wobetwa wɔn a ɔdome wɔn no agu.23Sɛ Awurade ani sɔ onipa akwan a,ɔma nʼanammɔntu si pi.24Sɛ ohintiw a ɔrenhwe ase,efisɛ Awurade kura no wɔ ne nsam.25Na meyɛ aberante, na mprempren mabɔ akwakoraa,na minhuu ɔtreneeni a Awurade apa nʼakyianaasɛ ne mma resrɛ aduan.26Bere biara ɔyɛ adɔe, na ɔde fɛm kwa;na ne mma benya nhyira.27Twe wo ho fi bɔne ho na yɛ papana wobɛtena asase no so afebɔɔ.28Efisɛ, Awurade pɛ nea ɛteɛ,na ɔrennyaw ne nkurɔfo anokwafo no.Wobenya bammɔ daa nyinaa.Nanso amumɔyɛfo asefo de, wobetwa wɔn agu.29Atreneefo benya asase no adi sona wɔatena so afebɔɔ.30Ɔtreneeni ano ka nyansasɛm,na ne tɛkrɛma ka nea ɛteɛ.31Ne Nyankopɔn mmara wɔ ne koma mu;wɔn anan nwatiri.32Amumɔyɛfo tetɛw atreneefohwehwɛ sɛ wobekum wɔn,33nanso Awurade nnyaa wɔn mma wɔn,na ɔremma wommu wɔn kumfɔ wɔ asennii.34Montwɛn Awuradena monhwɛ nʼakwan.Ɔbɛma mo so na moanya asase no adi so;sɛ wotwitwa amumɔyɛfo no gu a, mubehu.35Mahu omumɔyɛfo a ɔyɛ basabasasɛ ɔredi yiye sɛ dua amono a esi asase pa so,36nanso ankyɛ na nʼawiei bae a wonhu no bio;mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.37Susuw nea ɔyɛ pɛ ho, na hwɛ nea ɔteɛ;na asomdwoe nipa benya asetena pa daakye.38Nanso wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfo nyinaa;na wɔbɛtɔre wɔn asefo ase.39Atreneefo nkwagye fi Awuradeɔne wɔn aban wɔ amanehunu bere mu.40Awurade boa wɔn na ogye wɔn;oyi wɔn fi amumɔyɛfo nsam, na ogye wɔn nkwa,efisɛ wohintaw wɔ ne mu.