Nnwom32twi_aka
Dawid dwom.
1Nhyira ne wɔn awɔde wɔn amumɔyɛ akyɛ wɔn,na wɔakata wɔn bɔne so.2Nhyira nka onipa aAwurade mmu ne bɔne ngu no sona nnaadaa nni ne honhom mu.3Bere a meyɛɛ komm no,me nnompe yɛɛ mmrɛw,apini a misii no da mu nyinaa nti.4Awia ne anadwowo nsa yɛɛ den wɔ me so;mʼahoɔden saete sɛ awia bere mu ɔhyew.5Afei, migyee me bɔne too mu.Mankata mʼamumɔyɛ so.Mekae se, “Mɛkame bɔne akyerɛ Awurade,”na wode me bɔne ho afɔdi kyɛɛ me.6Enti, ma agyidifo nyinaa mmɔ wo mpaebere a wohu wo;ampa ara sɛ asu akɛse yiri a,ɛrenka no.7Wone me hintabea;wobɛbɔ me ho ban wɔ amanehunu muna wode nkwagye nnwom atwa me ho ahyia.8Mɛkyerɛkyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa sometu wo fo na mahwɛ wo so.9Ɛnyɛ sɛ ɔpɔnkɔ anaa afurumpɔnkɔ aonni ntease ntiwɔde nnareka ne hama na ɛdannan no,sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛba wo nkyɛn.10Omumɔyɛfo amanehunu dɔɔso,nanso Awurade adɔe a ɛnsa da notwa onipa a ɔde ne ho to no so no ho hyia.11Munni ahurusi na mo ani nnye wɔ Awurade mu, mo atreneefo;monto dwom, mo a mo koma mu tew.