Nnwom3twi_aka

Dawid dwom a ɔtoe bere a ɔreguan afi ne babarima Absalom anim.

1Awurade, hwɛ sɛnea mʼatamfo dɔɔso fa!dodow no ara na wɔsɔre tia me!2Bebree no ara ka fa me ho se,“Onyankopɔn rennye no.”
3Nanso wo, Awurade, woyɛ nkatabo a atwa me ho ahyiamʼanuonyam, nea Ɔpagyaw me ti.4Meteɛ mu su frɛ Awurade,na ogye me so fi ne bepɔw kronkron no so.
5Metɔ hɔ na meda a,minyan bio, efisɛ Awurade ma migyina.6Merensuro atamfo mpem mpem awɔatwa me ho ahyia no.
7Sɔre, Awurade!Gye me, me Nyankopɔn!Bobɔ mʼatamfo nyinaa abogye;na tutu amumɔyɛfo se.
8Awurade hɔ na ogye fi ba.Ma wo nhyira mmra wo nkurɔfo so. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto wɔ sankuhama so.