Nnwom29twi_aka

Dawid dwom.

1Momfa mma Awurade no, mo ɔsoro abɔde,momfa anuonyam ne tumi mma Awurade.2Momfa anuonyam a ɛfata Awurade din mma no;monsɔre Awurade wɔ nʼanuonyam kronkron mu.
3Awurade nne wɔ nsu no so;anuonyam Nyankopɔn bobɔ mu,Awurade bobɔ mu wɔ nsu akɛse so.4Awurade nne mu wɔ tumi;Awurade nne mu wɔ anuonyam.5Awurade nne bubu sida;Awurade nne bubu Lebanon sida mu nketenkete6Ɔma Lebanon huruhuruw te sɛ nantwi ba,na Sirion nso sɛ ɛko ba.7Awurade nne pa ma anyinam gya dɛw.8Awurade nne wosow sare so;Awurade wosow Kades sare.9Awurade nne kyinkyim adumna ɛma kwae yɛ kwaterekwa.Nʼasɔredan mufo nyinaa teɛ mu ka se,“Anuonyam nka Onyankopɔn!”
10Awurade di hene wɔ nsuyiri so;wɔasi Awurade hene afebɔɔ.11Awurade ma ne nkurɔfo ahoɔden,na ɔde asomdwoe hyira wɔn. Dwom a wɔto de buee Asɔredan no ano.