Nnwom24twi_aka

Dawid dwom.

1Asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade de;wiase ne wɔn a wɔte mu nyinaa wɔ no;2efisɛ ɔno na ɔtoo ne fapem wɔ po sona ɔde sii nsu ani.
3Hena na obetumi aforo Awurade bepɔw no?Hena na obetumi agyina ne tenabea kronkron hɔ?4Nea ɔyɛ ade trenee na ne koma mu tew,nea ne kra nni ahoni akyina ɔnka ntamhunu.
5Obenya Awurade nsam nhyirane bembu a efi ne Nkwagye Nyankopɔn.6Saa na awo ntoatoaso a wɔhwehwɛ Awurade no tewɔn a wɔhwehwɛ wʼanim no, Yakob Nyankopɔn.
7Mo aponkɛse, momma mo ti so;wɔmma mo so, mo tete apon,na Anuonyam Hene nhyɛn mu.8Hena ne saa Anuonyam Hene yi?Ɔno ne Awurade hoɔdenfo ne otumfo noAwurade a ɔyɛ ɔko mu nkonimdifo.9Momma mo ti so, mo aponkɛsemomma wɔn so, mo tete apon,na anuonyam Hene no nkɔ mu.10Hena ne saa anuonyam Hene yi?Asafo Awurade no,ɔno ne anuonyam Hene no.