Nnwom17twi_aka

Dawid Mpaebɔ.

1Awurade, tie me trenee abisade;tie me sufrɛ.Yɛ aso ma me mpaebɔ;nea emfi nnaadaa anofafa mu.2Ma me bembu mfi wo;ma wʼani nhu nea ɛyɛ pɛ.
3Wopɛɛpɛɛ me koma mu,wohwehwɛ me mu anadwo,na wosɔ me hwɛ de, nanso wubehu sɛ minsusuw bɔne bi ɛ;mʼano nkaa bɔne bi ɛ.4Nnipa nneyɛe fam no,anom asɛm ntimatwe me ho afibasabasayɛfo akwan ho.5Menam wʼakwan so daa;me nan nhintiw ɛ.
6Misu mefrɛ wo, Onyankopɔnna wubegye me so;yɛ aso ma me na tie me mpaebɔ.7Da wo dɔ nwonwaso no adi;wo a wode wo nsa nifagye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwafi wɔn atamfo nsam no.8Hwɛ me so sɛ obi a wodɔ no;fa me sie wo ntaban nwini no ase,9fi amumɔyɛfo a wɔretaataa me no nsam,mʼatamfo a wɔatwa me ho ahyia no.
10Wopirim wɔn koma,na wɔkasa ahantan so.11Wɔadi me ntɛntɛ, afei wɔatwa me ho ahyia;wɔn ani abere sɛ wɔbɛbɔ me ahwe fam.12Wɔte sɛ gyata a hanam ho kɔm de no,te sɛ gyata kɛse bi a wabutuw wɔ ahintawee.
13Sɔre, Awurade!Wone wɔn mfa mmɔ ani na ka wɔn hyɛ;fa wʼafoa no gye me fi amumɔyɛfo no nsam.14Awurade, fa wo nsagye me fi nnipa a wɔte sɛɛ nsam;asase so nnipa a wɔn akatua wɔ nkwa yi mu no.Womma ɔkɔm nne wɔn a wʼani ku wɔn ho;wɔn mmabarima wɔ bebree,na wɔkora agyapade ma wɔn mma.
15Na me trenee mu, mehu wʼanim;sɛ minyan na mihu wo a me koma bɛtɔ me yam. Wɔde ma dwonkyerɛfo.