Nnwom15twi_aka
Dawid dwom.
1Awurade, hena na ɔbɛtena wo kronkronbea ntamadan no mu?Hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so?2Nea ne ho nni asɛmna ɔyɛ nea ɛteɛ,nea ɔka nokware a efi ne koma mu3na ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nnipanea ɔnyɛ ne yɔnko bɔnena ommu ne yɔnko nipa abomfiaa,4nea obu afideyɛni animtiaana ɔde nidi ma wɔn a wosuro Awurade,nea odi ne ntam so,bere a etia no mpo,5nea ɔde ne sika bɔ bosea a onnye nsihona onnye adanmude ntia nea odi bem.Nea ɔyɛ eyinom norenhinhim da.