Nnwom148twi_aka
1Monkamfo Awurade!Monkamfo Awurade mfi ɔsorosoro,monkamfo no wɔ ɔsoro sorɔnsorɔmmea.2Nʼabɔfo nyinaa, monkamfo no,ne ɔsoro asafo nyinaa, monkamfo no.3Owia ne ɔsram, monkamfo no,nsoromma a ɛhyerɛn nyinaa, monkamfo no.4Monkamfo no, ɔsoro mu sorone mo nsu a mowɔ ɔsoro atifi.5Momma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din,efisɛ ɔno na ɔhyɛ ma wɔbɔɔ wɔn.6Ɔde wɔn sisii hɔ afebɔɔ;na ɔmaa ɔhyɛ nsɛm bi a ɛrentwa mu da.7Monkamfo Awurade mfi asase so,mo po kɛse mu abɔde ne po bun nyinaa,8anyinam ne mparuwbo, sukyerɛmma ne omununkum,ahum a moyɛ nʼapɛde,9mo mmepɔw ne nkoko nyinaa,nnua a ɛsow aba ne sida nyinaa,10nwura mu mmoa ne anantwi,abɔde nketewa ne nnomaa a wotu,11asase ne amanaman nyinaa so ahemfo,mo mmapɔmma ne asase sodifo nyinaa,12mmerante ne mmabaa,mmasiriwa ne mmofra nso.13Ma wɔnkamfo Awurade din,na ne din so sen din biara;nʼanuonyam korɔn wɔ asase ne ɔsoro so.14Wapagyaw mmɛn bi ama ne nkurɔfo,nʼahotewfo nyinaa nkamfo;Israelfo, nnipa a wɔda ne koma so no nkamfo.Monkamfo Awurade.