Nnwom145twi_aka
Ayeyi dwom. Dawid de.
1Mɛma wo so, me Nyankopɔn, Ɔhenkɛse;mɛkamfo wo din daa daa.2Da biara, mɛkamfo wo;na mama wo din so daa daa.3Awurade so, na ɔsɛ nkamfo kɛse;obiara ntumi nsusuw ne kɛseyɛ.4Awo ntoatoaso baako bɛkamfo wo nnwuma akyerɛ afoforo;wɔbɛka wo nnwuma akɛse ho asɛm.5Wɔbɛka wʼanuonyam ne wo tumi a ɛheran no ho asɛm,na mɛdwene wʼanwonwadwuma ho.6Wɔbɛka wo nnwuma a ɛyɛ hu no mu tumi ho asɛm;na mapae mu aka wo nneyɛe akɛse no akyerɛ.7Wɔbɛhyɛ wo papayɛ mmoroso no ho fa,na wɔde anigye ato wo trenee ho dwom.8Awurade yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo;ne bo kyɛ fuw na nʼadɔe dɔɔso.9Awurade ye ma obiara;na ɔwɔ ahummɔbɔ ma nʼabɔde nyinaa.10Awurade, wʼabɔde nyinaa bɛkamfo wo;na wʼahotefo bɛma wo so.11Wɔbɛka wʼahenni no anuonyam ho asɛmna wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm,12sɛ ɛbɛyɛ a nnipa behu wo nnwuma akɛsene wʼahenni anuonyam a ɛheran no.13Wʼahenni yɛ daa ahenni,na wo tumidi wɔ hɔ ma awo ntoantoaso nyinaa.Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so,na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ.14Awurade wowaw wɔn a wɔhwe asena ɔpagyaw wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom.15Aniwa nyinaa hwɛ wo kwan,na woma wɔn, wɔn aduan wɔ ne bere mu.16Wubue wo nsam,na woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛde.17Awurade teɛ wɔ nʼakwan nyinaa mu;na ɔyɛ adɔe ma nea wayɛ nyinaa.18Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa,wɔn a wɔfrɛ no nokware mu nyinaa.19Ɔyɛ wɔn a wosuro no no apɛde ma wɔn;otie wɔn sufrɛ na ogye wɔn.20Awurade hwɛ wɔn a wɔdɔ no no nyinaa so,nanso amumɔyɛfo de, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa.21Mʼano bɛkamfo Awurade.Ma abɔde nyinaa nkamfo ne din kronkron nodaa daa.