Nnwom144twi_aka
Dawid de.
1Nkamfo nka Awurade, me Botan,nea ɔma me nsa akodi ho ntetewee,ne me nsateaa ma ɔsa.2Ɔyɛ mʼadɔe Nyankopɔn ne mʼabandennen,me bammɔ ne me gyefo,me kyɛm a mewɔ guankɔbea wɔ no mu,ɔno na ɔka nnipa hyɛ mʼase.3Awurade, hena ne onipa a wʼani ku no hoonipa ba a wudwen ne ho yi?4Onipa te sɛ ɔhome;ne nna te sɛ sunsuma a ɛretwa mu.5Awurade, fi ɔsoro hɔ na sian bra fam;fa wo nsa ka mmepɔw, na emfi wusiw.6Soma anyinam na bɔ atamfo no hwete;to wo mmɛmma no ma wonguan.7Teɛ wo nsa fi ɔsoro bra fam;gye me na yi mefi nsu akɛse ho,fi ananafo nsam,8wɔn a atoro ayɛ wɔn anom ma,na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.9Onyankopɔn, mɛto dwom foforo ama wo;mɛto dwom wɔ sanku a ahama du gu so so ama wo,10ama Ɔbaako a ɔde nkonimdi ma ahemfo,na ogye ne somfo Dawid fi afoawerɛmfo ano.11Gye me na yi me fiananafo nsam,wɔn a atoro ayɛ wɔn anom mana wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.12Afei yɛn mmabarima mmerantebere mubɛyɛ sɛ afifide a wɔahwɛ so yiye,na yɛn mmabea bɛyɛ sɛ aduma wɔasen de asiesie ahemfi.13Yɛn asan bɛyɛ amaama;aduan ahorow biara bɛba so.Yɛn nguan dodow so bɛto mpem mpem,wɔn so bɛto mpem du du wɔ yɛn mfuw so;14yɛn anantwi bɛtwe nnesoa duruduru.Wɔrennwiriw afasu,yɛrenkɔ nkoasom mu,na agyaadwotwa remma yɛn mmɔnten so.15Nhyira nka nnipa a ɛbɛba mu saa ama wɔn.Nhyira nka nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Awurade.