Nnwom143twi_aka

Dawid dwom.

1Awurade, tie me mpaebɔ,tie me mmɔborɔsu;fi wo nokwaredi ne trenee mubra bɛboa me.2Mfa wʼakoa nkɔ atemmu mu,na ɔteasefo biara nteɛ wɔ wʼanim.3Ɔtamfo no taa me,ɔbɔ me hwe fam;ɔma me tena sum mute sɛ wɔn a wowuwuu dedaada.4Ɛno nti me honhom atɔ beraw wɔ me mu;na me koma di yaw wɔ me mu.5Mekae tete nna no;midwinnwen wo nnwumane nea wo nsa ayɛ nyinaa ho.6Mema me nsa so kyerɛ wo;wo ho sukɔm de me kra sɛ asase kesee.
7Awurade, gye me so ntɛm;me honhom tɔ piti.Mfa wʼanim nhintaw meanyɛ saa a mɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ amoa mu no.8Ma mente wʼadɔe a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa,na mede me ho ato wo so.Kyerɛ me ɔkwan a memfa so,na wo na mema me kra so kyerɛ.9Awurade gye me fi mʼatamfo nsam,na wo mu na mede me ho hintaw.10Kyerɛ me na menyɛ wʼapɛde,na wo ne me Nyankopɔn;ma wo honhom pa nonkogya me asasetaw so.
11Awurade, wo din nti, kyɛe me nkwa so;wo trenee mu, yi me fi ɔhaw mu.12Fi wʼadɔe a ɛnsa da no mu mua mʼatamfo ano;na sɛe wɔn a wokyi me no nyinaa,na meyɛ wo somfo.