Nnwom142twi_aka

Dawid de. Bere a na ɔwɔ ɔbodan mu no. Mpaebɔ.

1Meteɛ mu su frɛ Awurade;mema me nne so su frɛ Awurade sɛ onhu me mmɔbɔ.2Mihwie mʼahiasɛm gu nʼanim;meka me haw kyerɛ no.
3Sɛ me kra tɔ beraw wɔ me mu a,ɛyɛ wo na wunim me kwan.Ɔkwan a menam so nonnipa asum me afiri.4Hwɛ na hu, obiara nni me nifa so;mʼasɛm mfa obiara ho;minni guankɔbea bi;me nkwa mfa obiara ho.
5Awurade, misu frɛ wo;mise, “Wone me guankɔbea,me kyɛfa wɔ ateasefo asase so.”6Tie me sufrɛ,na mewɔ ahohia kɛse mu;gye me fi mʼataafo nsam,efisɛ wɔn ho yɛ den sen me.7Yi me fi mʼafiase,na makamfo wo din.Afei atreneefo betwa me ho ahyiaesiane wo papa a woayɛ me no nti.