PSA141twi_aka
Dawid dwom.
1Awurade, misu frɛ wo, bra me nkyɛn ntɛm so.Sɛ misu frɛ wo a, gye me so.2Ma me mpaebɔ mmra wʼanim sɛ aduhuam;ma me nsa a mema so no nyɛ sɛ anwummere afɔrebɔ.3Awurade, ma ɔwɛmfo nwɛn mʼano;na wɛn mʼano pon.4Mma wɔnntwe me koma nnkɔ nea ɛyɛ bɔne ho,na ankɔyɛ nea amumɔyɛfo yɛ no bi,mma me ne abɔnefonni wɔn nnɔkɔnnɔkɔwade.5Ma ɔtreneeni mmɔ me, ɛyɛ ayamye;ma ɔnka mʼanim, ɛyɛ me ti so ngo.Me ti rempo.Me mpaebɔ da so tia abɔnefo nneyɛe daa.6Wɔbɛtow wɔn sodifo afi ɔbotan so abɛhwe fam;na amumɔyɛfo behu sɛ me nsɛm no yɛ nokware.7Wɔbɛka se, “Sɛnea obi funtum na otutu asase no,saa ara na wɔabɔ yɛn nnompe ahwete ɔda ano.”8Nanso Otumfo Awurade, mʼani wɔ wo so;wo mu na mihintaw, nnyaw me mma owu.9Bɔ me ho ban fi mfiri a wɔasunsum me no ho,mfiri a abɔnefo asunsum no.10Ma amumɔyɛfo no ankasa ɔtan nyi wɔn,bere a mitwa mu kɔ dwoodwoo no.