Nnwom14twi_aka
Dawid dwom.
1Ɔkwasea ka wɔ ne koma mu se,“Onyankopɔn bi nni hɔ.”Wɔaporɔw, na wɔn nneyɛe yɛ fina wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa.2Awurade fi ɔsoro hwɛadesamma wɔ famsɛ obehu wɔn mu bi a wɔwɔ ntease,anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.3Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho;wɔn nyinaa ayɛ bɔne.Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.Ɔbaako mpo nni hɔ.4Enti abɔnefo rensua nyansa ana?Wɔwe me nkurɔfo te sɛnea nnipa di aduan.Wonnsu mfrɛ Awurade?5Nanso wonni, ehu akyekyere wɔn,efisɛ Onyankopɔn te wɔn a wɔteɛ mu.6Mo nnebɔneyɛfo sɛe ahiafo nhyehyɛe,nanso, Awurade ne wɔn guankɔbea.7Ao, Israel nkwagye mfi Sion mmra!Awurade bɛsan de ne nkurɔfo agyapade ama wɔn.Na Yakob adi ahurusi, na Israel ani agye!