Nnwom128twi_aka

Ɔsoroforo dwom.

1Nhyira ne wɔn a wosuro Awurade,na wɔnantew nʼakwan so.2Wubedi wʼadwuma so aba;nhyira ne yiyedi bɛyɛ wo de.3Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛsow abawɔ wo fi;na wo mmabarima ayɛ sɛ ngodua a afifiatwa wo pon ho ahyia.4Yiw, sɛɛ ne nea wobehyiraonipa a osuro Awurade no.
5Awurade nhyira wo mfi Sionna ɔmma wunhu Yerusalem yiyeyɛ;wo nkwanna nyinaa.6Ɔmma wo ntena ase nhu wo mma mma.Asomdwoe nka Israel.