Nnwom125twi_aka
Ɔsoroforo dwom.
1Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te sɛ Bepɔw Sion,a ɛnwosow na etim hɔ daa no.2Sɛnea mmepɔw atwa Yerusalem ho ahyia no,saa ara na Awurade atwa ne nkurɔfo ho ahyiamprempren ne daa.3Amumɔyɛfo ahempema renka asase awɔde ama atreneefo no so,sɛ ɛba saa a, atreneefonam wɔn so bɛyɛ bɔne.4Awurade wɔn a wɔyɛ papa no, yɛ wɔn papa,wɔn a wɔteɛ wɔ koma mu no, yɛ wɔn papa.5Na wɔn a wɔman fa akwan kɔntɔnkye so no de,Awurade betwa wɔn ne nnebɔneyɛfo asu.Asomdwoe nka Israel.