Nnwom122twi_aka
Ɔsoroforo dwom. Dawid de.
1Me ne wɔn a wosee me sɛ,“Ma yɛnkɔ Awurade fi” no ani gyei.2Yegyinagyina wʼaponkɛse ano,Yerusalem.3Wɔakyekyere Yerusalem yiye sɛ kuropɔnwahyehyɛ mu nneɛma fɛfɛ.4Ɛhɔ na mmusuakuw no kɔ,Awurade mmusuakuw no,Wɔkɔkamfo Awurade din,sɛnea nhyehyɛe a wɔde ama Israel no te.5Ɛhɔ na atemmu nhengua no sisi,Dawid fi nhengua no.6Monsrɛ asomdwoe mma Yerusalem se,“Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya bammɔ.7Ma asomdwoe mmra wʼafasu muna bammɔ mmra wʼaban mu.”8Me nuanom ne me nnamfonom nti,mɛka se, “Asomdwoe ntena wo mu.”9Awurade yɛn Nyankopɔn fi nti,mɛhwehwɛ wo yiyeyɛ.