Nnwom120twi_aka

Ɔsoroforo dwom.

1Misu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu,na ogye me so.2Awurade, gye me fi atoro ano,ne nnaadaa tɛkrɛma nsam.
3Dɛn na ɔbɛyɛ wo,na dɛn na ɛka ho bio, wo nnaadaa tɛkrɛma?4Ɔde asraafo bɛmma a ano yɛ nnamne nnyansramma bɛtwe wʼaso.
5Nnome nka me sɛ metena Mesek,na mete Kedar ntamadan mu!6Matena wɔn a wokyi asomdwoemu akyɛ dodo.7Meyɛ asomdwoe nipa;nanso sɛ mekasa a, wɔde yɛ ɔko.