Nnwom12twi_aka
Dawid dwom.
1Boa yɛn, Awurade, na nyamesurofo asa;nokwafo ayera wɔ nnipa mu.2Obiara di atoro kyerɛ ne yɔnko;wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm.3Ma Awurade ntwa nnaadaa anone tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho nkyene;4nea ɛka se, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bedi nkonim;yɛn ano bedi ama yɛn, na hena na odi yɛn so tumi?”5“Esiane ɔhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔnine ohiani apinisi no nti,mɛsɔre afei,” Awurade na ose.“Mɛbɔ wɔn ho ban afi wɔn a wɔhaw wɔn no ho.”6Awurade asɛm yɛ nokwarete sɛ dwetɛ a wɔasɔn so wɔ fononoo mu,na wɔahoa ho mpɛn ason.7Awurade, wobɛkora mmɔborɔnina woabɔ yɛn ho ban afi saa nnipa yi ho afebɔɔ.8Amumɔyɛfo nenam sɛnea wɔpɛ,bere a adesamma de nidi ma afide. Wɔde ma dwonkyerɛfo.