Nnwom116twi_aka

1Medɔ Awurade efisɛ, ɔtee me nne.Ɔtee me mmɔborɔsu.2Esiane sɛ ɔbrɛɛ nʼaso ase maa me nti,mɛfrɛ no wɔ bere a mete ase yi.
3Owu ahama bebaree me,ɔda ho yawdi baa me so,ɔhaw ne awerɛhow hyɛɛ me so.4Afei mebɔɔ Awurade din kae se,“Awurade, gye me nkwa!”
5Awurade yɛ ɔdomfo ne ɔtreneeni;ayamhyehye ahyɛ yɛn Nyankopɔn ma.6Awurade bɔ ɔwɛmfo ho ban;bere a mewɔ ahohia mu no, ogyee me.
7Nya abotɔyam bio, me kra,efisɛ Awurade ne wo adi no yiye.
8Na wo, Awurade, woagye me kra afi owu mu;woamma mʼani amporow nisu,na woamma mʼanan anhintiw9sɛ mɛnantew Awurade animwɔ ateasefo asase so.
10Migye dii; ɛno nti mekae se,“Mewɔ ahohia kɛse mu.”11Na mʼahokyere mu mekae se,“Nnipa nyinaa yɛ atorofo.”
12Dɛn na metumi de atua Awurade kawɔ ne papa a wayɛ me nyinaa?
13Mɛma nkwagye kuruwa no sona mabɔ Awurade din.14Medi bɔ a mahyɛ Awurade no nyinaa sowɔ ne nkurɔfo nyinaa anim.
15Awurade nkoa nokwafo wusom bo wɔ Awurade ani so.16Awurade, ampa ara meyɛ wo somfo;meyɛ wo somfo, wʼafenaa babarima;woayi me afi me mpokyerɛ mu.
17Mɛbɔ aseda afɔre ama wona mabɔ Awurade din.18Medi me ntam a maka Awurade no sowɔ ne nkurɔfo nyinaa anim,19wɔ adiwo a ɛwɔ Awurade fi no,wɔ wʼanim, Yerusalem.Monkamfo Awurade.