Nnwom113twi_aka

1Monkamfo Awurade.Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼasomfo no,monkamfo Awurade din.2Momma wɔnkamfo Awurade din,mprempren ne daa nyinaa.3Efi faako a owia pue kosi faako a ɛkɔtɔ,ma wɔnkamfo Awurade din.
4Wɔama Awurade so aman nyinaa so,nʼanuonyam tra ɔsorosoro.5Hena na ɔte sɛ Awurade yɛn Nyankopɔn,Ɔbaako no a odi hene wɔ ɔsorosoro,6ɔno na ɔbɔ ne mu asehwɛ ɔsorosoro ne asase?
7Ɔma ahiafo so fi mfutuma muna ɔma onnibi so fi nso siw so;8ɔde wɔn tena mmapɔmma mu,wɔn nkurɔfo mmapɔmma mu.9Ɔbɔ obonin atenase wɔ ne fisɛ ɔbeatan a nʼani gye.Monkamfo Awurade.