Nnwom111twi_aka
1Monkamfo Awurade!Mefi me koma nyinaa mu ama Awurade sowɔ atreneefo aguabɔ ne asafo no mu.2Awurade nnwuma yɛ akɛse;wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa susuw ho.3Ne nnwuma yɛ tumi ne anuonyam,na ne trenee wɔ hɔ daa.4Ɔma yɛkae nʼanwonwade;Awurade yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo.5Ɔma wɔn a wosuro no no aduan;ɔkae nʼapam no daa.6Wakyerɛ ne nkurɔfo tumi a ɛwɔ ne nnwuma mu,sɛ ɔde aman afoforo nsase ama wɔn.7Ne nsa ano nnwuma yɛ nokware na ɛteɛ;nʼahyɛde nyinaa mu wɔ ahotoso.8Etim hɔ daa daa,nokware ne trenee mu na ɔyɛe.9Ɔde ogye maa ne nkurɔfo;ɔde nʼapam sii hɔ afebɔɔ,ne din yɛ kronkron na ɛyɛ hu.10Awurade suro yɛ nyansa mfiase;wɔn a wodi nʼahyɛde so nyinaa wɔ nhumu pa.Ɔno na daa ayeyi wɔ no.