Nnwom110twi_aka

Dawid dwom.

1Awurade ka kyerɛɛ me Wura se,“Tena me nifa sokosi sɛ mede wʼatamfobɛyɛ wʼanan ase ntiaso.”
2Awurade bɛterɛw wʼahempema dennen mu afi Sion;na wubedi hene wɔ wʼatamfo so.3Wʼasraafo beyi wɔn koma muda a wobɛkɔ ɔsa.Tumi kronkron bɛyɛ wʼaduradena wo mmabun bɛba wo nkyɛnsɛnea obosu gugu anɔpahema.
4Awurade aka ntamna ɔrensesa nʼadwene:“Woyɛ daapem sɔfosɛ Melkisedek sɛso.”
5Awurade wɔ wo nifa so;ɔbɛdwerɛw ahemfo wɔ nʼabufuwhyew da no.6Obebu amanaman atɛn aboaboa awufo ano;na wadwerɛw asodifo a wɔwɔ asase so nyinaa.7Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɔkwankyɛn mu nsuenti obedi nkonim.Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda ɔkwankyɛn mu nsu,na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdi mu.