Nnwom11twi_aka
Dawid dwom.
1Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ.Adɛn na wutumi ka kyerɛ me se,“Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔw so.2Na hwɛ, amumɔyɛfo akuntun wɔn ta mu,na wɔde wɔn mmɛmma asisi ahama sosɛ wɔbɛtow wɔ sum mude awɔ koma mu ahotefo.3Sɛ wɔresɛe fapem no a,dɛn na ɔtreneeni betumi ayɛ?”4Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu;Awurade te ne soro ahengua so.Ɔhwɛ nnipa mma,nʼani hwehwɛ wɔn mu.5Awurade hwehwɛ ɔtreneeni mu,na amumɔyɛfo ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ de,ne kra kyi wɔn.6Ɔbɛtɔ ogyatannaa ne sufre a ɛredɛwagu amumɔyɛfo so;na mframa a mu yɛ hyew bɛyɛ wɔn kyɛfa.7Awurade yɛ ɔtreneeni,na ɔpɛ atɛntrenee;wɔn a wɔteɛ no behu nʼanim. Wɔde ma dwonkyerɛfo se wɔnto no wɔ “Seminit” sanku nne so.