PSA101twi_aka
Dawid Dwom.
1Mɛto wo dɔ ne wo trenee ho nnwom;Awurade, mɛto ayeyi nnwom ama wo.2Mɛhwɛ yiye abu ɔbra a ho tew;da bɛn na wobɛba me nkyɛn?Mede koma a afɔdi nni mubɛhwɛ me fi so.3Merennye ade a ɛyɛ tanbiara nto mu.Mikyi nnipa a wonni gyidi nneyɛe;meremfa me ho mmata ho.4Nnipa a wɔn koma yɛ kɔntɔnkye remmɛn me;me ne bɔne nni hwee yɛ.5Obiara a odi ne yɔnko ho nseku wɔ kokoa mu no,ɔno na mɛsɛe;nea ɔwɔ ahantan ani ne ahomaso koma,ɔno na merennyigye no so.6Mʼani bɛkɔ anokwafo a wɔwɔ asase no so no sona me ne wɔn atena;nea ne nantew ho nni asɛm noɔno na ɔbɛsom me.7Nea ɔyɛ ɔdaadaafo biararentena me fi;nea otwa nkontompo norennyina mʼanim.8Adekyee biara,mɛsɛe amumɔyɛfo a wɔwɔ asase yi so nyinaa;na mapam ɔdebɔneyɛni biaraafi Awurade kuropɔn mu.