Nnwom100twi_aka
Ayeyi Dwom.
1Mommɔ ose mma Awurade, asase nyinaa.2Momfa ahosɛpɛw nsom Awurade;momfa anigye nnwom mmra nʼanim.3Munhu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn;ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne de;yɛyɛ ne nkurɔfo ne ne didibea nguan.4Momfa aseda nhyɛn nʼapon mu,na momfa nkamfo nkɔ nʼadiwo;momfa aseda mma no, na monkamfo ne din.5Awurade ye; na nʼadɔe wɔ hɔ daa;ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so.