Mmebusɛm28twi_aka
1Omumɔyɛfo guan bere a obiara ntaa no,nanso atreneefo koko yɛ duru sɛ gyata.2Atuatewman nya sodifo pii,nanso onipa a ɔwɔ nhumu ne nimdeɛ ma mmara yɛ adwuma.3Sodifo a ɔhyɛ ahiafo so note sɛ osu mu ahum a ennyaw nnɔbae bi wɔ akyi.4Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumɔyɛfo,na wɔn a wodi mmara so no siw wɔn kwan.5Abɔnefo nte atɛntrenee ase,nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, te ase yiye.6Ohiani a ne nantew ho nni asɛmye sen ɔdefo a nʼakwan yɛ kɔntɔnkye.7Nea odi mmara so yɛ ɔba a ɔwɔ nhumu,nanso nea ɔne adidibradafo bɔ no gu nʼagya anim ase.8Nea ogye mfɛntom mmoroso de nya ne ho no,ɔboaboa ano ma nea ɔbɛyɛ ahiafo adɔe.9Sɛ obi nni mmara so a,ne mpaebɔ mpo yɛ akyiwade.10Nea odi atreneefo anim de wɔn fa ɔkwan bɔne so nobɛhwe ɔno ankasa afiri mu,nanso wɔn a wɔn ho nni asɛm no benya agyapade a eye.11Ɔdefo tumi yɛ onyansafo wɔ nʼankasa ani so,nanso ohiani a ɔwɔ nhumu no hu sɛnea ɔte.12Sɛ atreneefo di nkonim a, nnipa di ahurusi pii;nanso sɛ amumɔyɛfo nya tumi a nnipa kohintaw.13Onipa a ɔkata ne bɔne so no nnya nkɔso,na nea ɔka ne bɔne na ogyae yɛ no nya ahummɔbɔ.14Nhyira nka nea osuro Awurade bere nyinaa,nanso nea opirim ne koma no tɔ amane mu.15Omumɔyɛfo a odi nnipa a wonni mmoa so note sɛ gyata a ɔbobɔ mu anaa sisi a nʼani abere.16Ɔsodifo tirimɔdenfo nni adwene,na nea okyi mfaso a wɔnam ɔkwan bɔne so nya no benya nkwa tenten.17Nea awudi ma ne tiboa bu no fɔ nobɛyɛ ɔkobɔfo akosi ne wu da;wɔmma obiara nsiw no kwan.18Nea ne nantew ho nni asɛm no, wogye no fi ɔhaw mu,nanso nea nʼakwan yɛ kɔntɔnkye no bɛhwe ase mpofirim.19Nea ɔyɛ nʼasase so adwuma no benya aduan pii,nanso wɔn a wodi nnaadaasɛm akyi no benya wɔn so ne wɔn hia.20Wobehyira onipa nokwafo pii,na nea ɔpere pɛ ahonyade no remfa ne ho nni.21Nhwɛanim nye,nanso aduan kakraa bi nti nnipa bɛyɛ bɔne.22Nea ɔyɛ pɛpɛe pere sɛ ɔbɛyɛ ɔdefona onnim sɛ ohia retwɛn no.23Nea ɔka obi anim no bɛsɔ nnipa ani akyiri noasen nea ɔwɔ tɛkrɛmadɛ.24Nea ɔbɔ nʼagya anaa ne na korɔnna ɔka se, “Ɛnyɛ bɔne no,”ɔne ɔsɛefo na ɛbɔ.25Odifudepɛfo de mpaapaemu bana nea ɔde ne ho to Awurade so no benya nkɔso.26Nea ogye ne ho di no yɛ ɔkwasea,na nea ɔnantew nyansa mu no wobegye no.27Nea ɔma ahiafo no, hwee renhia no,nanso nea obu nʼani gu wɔn so no nya nnome pii.28Sɛ amumɔyɛfo nya tumi a, nnipa kohintaw;na sɛ amumɔyɛfo ase tɔre a, atreneefo ase dɔ.