Obadia1twi_aka

Edom Atemmu Ho Nkɔmhyɛ

1Anisoadehu a Awurade Nyankopɔn daa no adi faa Edom asase ho kyerɛɛ Obadia ni:Yɛate asɛm a efi Awurade nkyɛn.Wɔsomaa ɔnanmusini bi kɔɔ aman so kɔkae se,“Monsɔre na momma yɛnkɔko ntia Edom.”
2Awurade ka kyerɛ Edom se:“Hwɛ, mɛbrɛ wo ase.Mɛyɛ wo ketewa wɔ aman no mu,na wɔabu wo animtiaa.3Wayɛ ahantan adaadaa wo ho,Wo a wote abotan ntokuru muna woayɛ wʼatenae wɔ mmepɔw so,na woka kyerɛ wo ho se,‘Hena na obetumi ayi me asi fam?’4Sɛ wutu kɔ wim sɛ akɔre,na woyɛ wo berebuw wɔ nsoromma ntam mpo a,hɔ na mɛba abɛtwe wo adwira fam.”Sɛnea Awurade se ni.5“Sɛ akorɔmfo ba wo so,anaa adwowtwafo ba wo so anadwo a,atoyerɛnkyɛm bɛn na ɛrento wo?Na wɔrennwia wo nneɛma dodow a wɔpɛ ana?Sɛ bobe abatewfo ba wo so a,ɛnyɛ bobe aba kakraa bi pɛ na wobegyaw ama wo ana?6Na wo Esau de, wobewia wʼademudea wode asie na wɔayɛ wo dosodoso.7Wɔn a wo ne wɔn wɔ nkabom nyinaabedi wo huammɔ.Wɔn a wʼadwene yɛ wo sɛwo ne wɔn te asomdwoe mu nobɛdaadaa wo adi wo so,wɔn a wodi wʼaduan no asum wo afiri,nanso, wunhui.
8“Saa da no,” Awurade na ose,“Merensɛe anyansafo a wɔwɔ Edom ana,mmarima a wɔte asɛm asea wɔwɔ Esau mmepɔw so ana?9Teman wʼakofo bɛbɔ hune obiara a ɔwɔ Esau bepɔw so no,wobetwitwa mo atɔre mo ase.10Esiane basabasayɛ a woyɛ tiaa wo nua Yakob no ntianiwu bɛka wo,na wɔbɛsɛe wo koraa.11Da a wugyinaa ntentenso hwɛɛ no haa,maa ananafo faa nʼahonyade kɔena ahɔho hyɛn ne kurow apon mu,na wɔbɔɔ Yerusalem so ntonto no,na wote sɛ wɔn mu baako.12Anka ɛnsɛ sɛ wubu wo nua animtiaabere a ɔwɔ asiane mu,anaa sɛ wudi ahurusi wɔ Yudafo sobere a wɔwɔ ɔsɛe mu,na mpo wohoahoa wo hobere a wɔwɔ ahohia mu no.13Anka ɛnsɛ sɛ wode nsrabɔhyɛn me nkurɔfo kurow apon no muwɔ wɔn amanehunuda,anka ɛnsɛ sɛ woserew wɔ bere awɔwɔ ɔhaw mu.Afei nso anka ɛnsɛ sɛwode wo nsa to wɔn ahode so gyewɔ bere a wɔwɔ amanehunu mu.14Anka ɛnsɛ sɛ wotɛw wɔn nkwantanan sokunkum nʼaguanfoNa wuyi wɔn a aka no mawɔ wɔn amanehunuda no mu.
15“Awurade da no abɛnama amanaman nyinaa.Na hwɛ, Edom, sɛnea woyɛɛ nosaa ara na wɔbɛyɛ wo.Wo nneyɛe bɛsan abegu wʼapampam.16Sɛnea mononom nsã wɔ me bepɔw kronkron so no,saa ara na amanaman no nyinaa bɛkɔ so anom,saa ara na ɛbɛkɔ so da biarana wɔbɛyɛ te sɛ nea wonni hɔ.17Na ogye bɛba Sion bepɔw sona ɛbɛyɛ kronkronbea,na Yakob nsabɛsan aka nʼagyapade.18Yakob bɛyɛ ogyana Yosef ayɛ ogyatannaa;Esau bɛyɛ adehunu bina wɔde no bɛto ogya so ahyew no aobiara renka wɔ Esau ase.”Nea Awurade se ni.
19Nkurɔfo a wofi Negeb nobɛtena Esau mmepɔw so,Na wɔn a wofi nkoko no ase no,bɛfa Filisti asase no,na wɔbɛfa Efraim ne Samaria mfuw atena so,na Benyamin nso afa Gilead.20Nnipakuw yi a wɔyɛ Israelfo a wotwaa wɔn asu kɔɔ Kanaan nobɛfa Kanaan asase no akosi Sarefat;na Yerusalemfo a wotwaa wɔn asu awɔte Safarad no bɛfa Negeb nkurow no adi so.21Agyefo bɛkɔ Sion bepɔw so,akodi Edom mmepɔw no so.Na ahenni no bɛyɛ Awurade de!