4 Mose (Numeri)26twi_aka
Israel Nnipakan A Ɛto So Abien
1Ɔyaredɔm no akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfo Aaron babarima Eleasar se,2“Monkan Israelfo mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa nyinaa na monhwɛ dodow a wobetumi akɔ ɔsa ama Israel wɔ abusua biara mu.”3Enti Mose ne ɔsɔfo Eleasar kasa kyerɛɛ wɔn wɔ Moab tataw so, wɔ Asubɔnten Yordan ho a na wɔatra Yeriko no se,4“Monkan mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.”Eyinom ne Israelfo a wofi Misraim bae no: