Nehemia12twi_aka
Asɔfo Ne Lewifo Ho Abakɔsɛm
1Saa nnipa yi ne asɔfo ne Lewifo a wɔne Sealtiel babarima Serubabel ne ɔsɔfopanyin Yesua san wɔn akyi no:Seraia, Yeremia, Ɛsra,2Amaria, Maluk, Hatus,3Sekania, Rehum, Meremot,4Ido, Ginetoi, Abia,5Miamin, Maadia, Bilga,6Semaia, Yoiarib, Yedaia,7Salu, Amok, Hilkia ne Yedaia.
Yesua bere so no, na eyinom ne asɔfo ntuanofo ne wɔn mfɛfo.8Lewifo a wɔne wɔn san wɔn akyi no ni: Yesua, Binui Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a na ɔne ne mfɛfo na na wɔhwɛ aseda nnwom so no.9Na sɛ wɔresom a, wɔn mfɛfo Bakbukia ne Uni sɔre gyina ne wɔn di nhwɛanim.10Ɔsɔfopanyin Yesua woo Yoiakim, Yoiakim woo Eliasib, Eliasib woo Yoiada,11na Yoiada woo Yonatan, na Yonatan woo Yadua.12Bere a Yoiakim yɛ ɔsɔfopanyin no, na asɔfo mmusua mu ntuanofo no ne:
Meraia a otua Seraia abusua ano. Hanania a otua Yeremia abusua ano.13Mesulam a otua Ɛsra abusua ano. Yehohanan a otua Amaria abusua ano.14Yonatan a otua Maluki abusua ano. Yosef a otua Sebania abusua ano.15Adna a otua Harim abusua ano. Helkai a otua Meraiot abusua ano.16Sakaria a otua Ido abusua ano. Mesulam a otua Gineton abusua ano.17Sikri a otua Abia abusua ano. Miniamin abusua nso na obi tua ano. Piltai tua Moadia abusua ano.18Samua a otua Bilga abusua ano. Yehonatan a otua Semaia abusua ano.19Matenai a otua Yoiarib abusua ano. Usi a otua Yedaia abusua ano.20Kalai a otua Salai abusua ano. Eber a otua Amok abusua ano.21Hasabia a otua Hilkia abusua ano. Netanel a otua Yedaia abusua ano.22Persiahene Dario a ɔto so abien bere so no, wɔkyerɛw Lewifo ne asɔfo mmusua mu ntuanofo no nyinaa din wɔ saa asɔfo mpanyimfo yi bere so: Eliasib, Yoiada, Yohanan, ne Yadua.23Wɔkyerɛw Lewifo mmusua ntuanofo no din guu Abakɔsɛm Nhoma mu kosii Eliasib nena Yohanan bere so.24Eyinom ne Lewifo mmusua ntuanofo: Hasabia, Serebia, Yesua, Binui, Kadmiel ne wɔn mfɛfo bi a sɛ edu ayeyi ne aseda afahyɛ so a, wogyina hɔ ne wɔn di nhwɛanim, na ɔfa gye ɔfa so wɔ nnwonto mu, sɛnea Dawid, Onyankopɔn nipa, kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.25Na Matania, Bakbukia ne Obadia nso ka ho. Mesulam, Talmon ne Akub na wɔyɛ aponanohwɛfo a wɔhwɛ adekoradan a ɛwɔ apon no ano no so.26Na eyinom nyinaa som wɔ Yesua babarima Yoiakim a ɔyɛ Yosadak nena ne Nehemia a ɔyɛ amrado ne Ɛsra a na ɔyɛ ɔsɔfo ne mmara no kyerɛkyerɛfo bere so.