1Ɔtamfo reba wo so, Ninewebɔ aban no ho ban,wɛn ɔkwan no,bɔ wo ho sona boa wʼahoɔden nyinaa ano!2Awurade de Yakob anuonyam bɛsan ama note sɛ Israel de no,ɛwɔ mu sɛ, asɛefo no ama ada mpanna wɔasɛe ne bobe mfuw.3Asraafo no nkatabo yɛ kɔkɔɔ;akofo no hyehyɛ ɔkɔben akotade.Nnade a wɔde yɛɛ nteaseɛnam notwa yerɛw yerɛw sɛ da a wɔyɛɛ no;mpeaw a wɔapema wɔ nnua so no rehim.4Nteaseɛnam no twiw fa mmɔnten so,na wodi akɔneaba.Wɔte sɛ ogyatɛn a ɛredɛw;wɔbɔ yerɛdɛ te sɛ anyinam.5Ɔfrɛfrɛɛ nʼakofo a wodi mu,nanso wohintihintiw wɔ ɔkwan mu.Wɔde mmirika kɔ kuropɔn no afasu ho;na wɔyɛ wɔn nkataanim krado.6Wobuebue asubɔnten apon no,na ahemfi no dwiriw gu fam.7Wɔhyɛ mmaraden sɛwɔmfa kuropɔn no nnommumna wɔmfa wɔn nkɔ.Ne mfenaa de wɔn nsa gu wɔn koko sosu te sɛ mmorɔnoma.8Ninewe te sɛ ɔtare amu nsu resen kɔ.Wɔteɛ mu se, “Munnyina hɔ! Munnyina hɔ!”Nanso, obiara ansan nʼakyi.9Momfom dwetɛ no!Momfom sikakɔkɔɔ no!Ahonyade a ɛwɔ adekoradan mu nyinaa!Na ahonyade no dɔɔso.10Wɔabɔ Ninewe korɔn, wɔayɛ no pasaa!Koma botow, na nkotodwe wosowosow,nnipa ho popo na wɔn anim hoa.11Mprempren he na gyata buw no wɔ,faako a wɔma wɔn mma aduan no,faako a gyatanini ne gyatabere kɔena wɔn mma nso kɔ a wonsuro?12Gyata akum nea ɛbɛmee ne mma.Wabobɔ hanam ama gyatabere no.Ɔde nea wakum ahyɛ ne bon mana ɔde hanam ahyɛ nʼatu amaama.13“Me ne wo nka,”sɛnea Asafo Awurade se ni,“Mɛhyew wo nteaseɛnam na adan wusiwna afoa bekunkum wo gyatamma.Merennyaw wo hanam biara wɔ asase so.Wɔrente wʼasomafo no nne bio.”