Mika5twi_aka

Bɔhyɛhene Bi A Ofi Betlehem

1Mommoaboa mo asraafo ano,akofo kuropɔn,efisɛ atamfo atwa yɛn ho ahyia.Wɔde abaa bɛbɔ nea odi Israel so no wɔ nʼafono so.
2“Nanso wo, Betlehem Efrata,ɛwɔ mu sɛ woyɛ ketewa wɔ Yuda mmusua mu de,nanso wo mu na obi befi ama mea obedi Israel so,na nʼase fi teteete.”
3Enti wobɛto Israelfo paahwii,kosi sɛ ɔbea a awo aka no no bɛwona ne nuanom mmarima nkaebɛsan akɔka Israelfo ho.
4Ɔbɛsɔre ahwɛ ne nguankuwwɔ Awurade ahoɔden mu,wɔ Awurade ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu.Na wɔbɛtena asomdwoe mu, na afeine kɛseyɛ bedu asase awiei.
5Na ɔbɛyɛ wɔn asomdwoe.Sɛ Asiriafo bɛtow ahyɛ yɛn asase so,na wɔbɔ nsra fa yɛn aban mu a,yɛde nguanhwɛfo baason,mpo asahene baawɔtwe behyia wɔn.6Wɔde afoa bedi Asiria asase so,wɔbɛtwe afoa de adi Nimrod asase so.Sɛ Asiriafo tow hyɛ yɛn so,bɔ nsra fa yɛn ahye so a,obegye yɛn afi wɔn nsam.
7Yakob asefo nkae nobɛfrafra nnipa bebree mute sɛ obosu a efi Awurade,te sɛ osu a ɛpete gu sare soa ɛntwɛn ɔdesani,na ɔdesani biara rentumi nsiw ho kwan.8Wɔbɛkan Yakob asefo nkae no afra aman no mu,wɔbɛfrafra nnipa bebree mute sɛ gyata a ɔfra mmoa mu wɔ kwae mu,te sɛ gyata ba a ɔfra nguankuw mua ɔbobɔ wɔn tetew wɔn muna obiara ntumi nnye wɔn.9Wɔbɛma wo nsa so sɛ woadi wʼatamfo so nkonim,na wɔbɛsɛe wʼatamfo nyinaa.10“Saa da no,” sɛnea Awurade se ni,“Mɛsɛe apɔnkɔ a wowɔna mabubu wo nteaseɛnam.11Mɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ wʼasase sona madwiriw wo bammɔ dennen nyinaa agu.12Mɛsɛe wʼabayisɛmna wo ntafowayi to betwa.13Mɛsɛe nsɛsode a wode wo nsa ayɛne abo ahoni a wowɔ no,na worenkotow nsɔrewo nsa ano adwuma bio.14Metutu Asera abosomnnua no afi wo muna masɛe wo nkuropɔn.15Aman a wɔantie mʼasɛm no nyinaa,mede abufuw ne abufuwhyew bɛtɔ wɔn so were.”