1Nna a edi akyi no mu no,Awurade asɔredan bepɔw no betimsɛ mmepɔw no nyinaa ti;ebegye din aboro nkoko nyinaa,na nnipa ahorow bɛbɔ yuu akɔ hɔ.2Aman bebree bɛba abɛka se,“Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔw no so,nkɔ Yakob Nyankopɔn fi.Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwansɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnantew nʼatempɔn so.”Mmara no befi Sion aba,na Awurade asɛm afi Yerusalem.3Obebu amanaman ntam atɛnna obesiesie nnipa bebree ntam asɛm.Wɔde wɔn afoa bɛbobɔ nsɔwna wɔde wɔn mpeaw ayɛ asosɔw.Ɔman bi rentwe ɔman foforo so afoa,na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.4Obiara bɛtena ne bobeanaa ne borɔdɔma nnua ase,na obiara remmehunahuna wɔn,efisɛ, Asafo Awurade akasa.5Amanaman no nyinaa betumi anantewwɔn anyame din mu,na yɛn de, yɛbɛnantew Awurade,yɛn Nyankopɔn Din mu daa daa.
Awurade Atirimpɔw
6“Saa da no,” sɛnea Awurade se ni,“Mɛboaboa mmubuafo, atukɔfoɛne wɔn a mede awerɛhow aba wɔn so ano.7Mɛma mmubuafo ayɛ me nkurɔfo wɔ asase no so,atukɔfo no bɛyɛ ɔman kɛse.Awurade bedi wɔn so hene wɔ Sion bepɔw soafi da no akosi daa.8Na wo, nguankuw no abantenten,Ɔbabea Sion, abandennen,wɔde wo tete tumidi no bɛsan abrɛ wo;Ɔbabea Yerusalem nsa bɛsan aka nʼahenni.”9Adɛn nti na afei woresu dennen,wunni ɔhene ana?Wo futufo ayera, na entiɔyaw aka wo sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko mu?10Bukabukaw wo mu wɔ yawdi mu, Ɔbabea Sion,te sɛ ɔbea a awo aka no,mprempren ɛsɛ sɛ wufi kuropɔn no mukɔtena sare so.Wobɛkɔ Babilonia;na hɔ na wobegye wo.Ɛhɔ na Awurade begye woafi wʼatamfo nsam.11Mprempren de, aman bebree aka abɔ mu atia wo.Wɔka se, “Wongu Sion ho fi,na yɛmfa yɛn ani nhwɛ no!”12Nanso wonnim Awurade adwene.Wɔnte nʼagyinatu ase.Wonnim sɛ ɔno na ɔboaboa wɔn ano te sɛ afiafide kɔ awiporowbea.13“Sɔre, na porow, Ɔbabea Sion,mɛma wo dade mmɛn;mɛma wo kɔbere tɔtena wubebubu aman bebree mu nketenkete.”Wode wɔn mfaso a wɔampɛ no ɔkwan pa so bɛbrɛ Awurade,wode wɔn ahonyade bɛbrɛ asase nyinaa so wura.