Mika3twi_aka

Akannifo Ne Adiyifo Animka

1Afei mekae se,“Muntie, mo Yakob akannifo,mo a mudi Israelfi so.Ɛsɛ sɛ muhu nea ɛyɛ atɛntrenee,2Mo a mukyi nea eye na modɔ bɔnemoworɔw me nkurɔfo werena motetew nam no fi wɔn nnompe ho;3mowe me nkurɔfo nam,mowae wɔn were,bubu wɔn nnompe mu nketenkete;mutwitwa wɔn sɛ nam amode regu kutu mu.”
4Afei wobesu afrɛ Awurade,nanso ɔrennye wɔn so.Saa bere no ɔde nʼanim besie wɔn,bɔne a wɔayɛ nti.5Nea Awurade se ni:“Adiyifo awɔdaadaa me nkurɔfo no de,obi ma wɔn biribi di awɔpae mu ka asomdwoe nsɛm,na sɛ wɔamma wɔn biribi anni a,adiyifo no siesie wɔn ho sɛ wobetu wɔn so sa.6Enti ade bɛsa mo a morennya adaeso,sum beduru mo a morennya ahintasɛm biara.Owia bɛtɔ ama adiyifo no,na adekyee bɛdan sum ama wɔn.7Adehufo ani bewuna wobegu asamanfrɛfo anim ase.Wɔn nyinaa bɛkatakata wɔn anim,efisɛ mmuae biara mfi Onyankopɔn hɔ mma.”8Nanso me de, tumi ahyɛ me ma,Awurade Honhom ahyɛ me matrenee ne ahoɔdena mede bɛpae mu akaYakob amumɔyɛ ne Israel bɔne.9Muntie, mo Yakobfi akannifo,mo a mudi Israel so,a mukyi atɛntreneena mokyea nea ɛteɛ nyinaa;10Mo a mode mogyahwiegu kyekyeree Sionne awurukasɛm kyekyeree Yerusalem.11Nʼakannifo no gye adanmude ansa na wobu atɛn,nʼasɔfo gye sika ansa na wɔakyerɛkyerɛ,nʼadiyifo de nkɔmhyɛ ayɛ sikapɛ.Nanso wɔdan Awurade, na wɔka se,“Awurade nni yɛn ntam ana?Ɔhaw biara remma yɛn so.”12Na mo nti,wobefuntum Sion te sɛ afuw,Yerusalem bɛyɛ nnwiriwii siw,na asɔredan no pampa bɛyɛ nkɔmoa so nkyɛkyerɛ.