Mika1twi_aka

1Awurade de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mikabere a na Yotam, Ahas ne Hesekia di ade wɔ Yuda no. Anisoade a ohu faa Samaria ne Yerusalem ho.
2Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa,muntie, asase ne mo a mote so nyinaa.Otumfo Awurade redi adanse atia mo,ɔkasa fi nʼasɔredan kronkron no mu.

Atemmu A Etia Samaria Ne Yerusalem

3Monhwɛ! Awurade fi nʼatenae reba;ɔresian na ɔnam asase sorɔnsorɔmmea so.4Mmepɔw nan wɔ nʼase,aku mu paapaete sɛ ama a aka ogya,te sɛ nsu a ɛresian waa fi koko so.5Eyi nyinaa yɛ Yakob nnebɔne,ne bɔne ahorow a ɛwɔ Israel fi nti.Yakob nnebɔne ne dɛn?Ɛnyɛ Samaria ana?Na he ne Yuda sorɔnsorɔmmea?Ɛnyɛ Yerusalem ana?
6“Enti mɛyɛ Samaria kurow no nnwiriwii siw,baabi a wɔbɛyɛ bobe turo.Mehwie nʼabo agu obon muama ne fapem ho ada hɔ.7Wobebubu nʼahoni nyinaa mu asinasin;wɔde ogya bɛhyew nʼasɔredan mu ayɛyɛde nyinaa.Mɛsɛe ne nsɛsode nyinaa.Esiane sɛ nʼakyɛde a waboa ano no nyinaa,onya fii nguamanfo akatua mu no ntiwɔde bɛma nguamanfo.”

Osu Ne Awerɛhow

8Eyinom nti mesu atwa agyaadwo;mede adagyaw bɛnantew na merenhyɛ mpaboa.Mɛworo so sɛ odompona masu sɛ patu.9Nʼapirakuru no wu ayɛ den;abedu Yuda.Abedu me nkurɔfo pon anompo adu Yerusalem ankasa.10Monnka no wɔ Gatmunnsu koraaMo a mowɔ Bet-Leafra de,monyantam mfutuma mu.11Monsen nkɔ adagyaw ne aniwu mu,mo a mote Safir.Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpue.Bet-Esel wɔ awerɛhow mu;efisɛ, wo hɔ na onya ne bammɔ.12Wɔn a wɔte Marot de ɔyaw nunununu wɔn mude twɛn mmoa,efisɛ amanehunu a efi Awurade hɔ abaabedu Yerusalem pon ano.13Mo a mote Lakis,munsiesie nteaseɛnam no.Mone bɔne farebaema Ɔbabea Sion,na mudii Israel anim kɔɔ bɔne mu.14Enti mode ntetewmu akyɛde bɛma Moreset-Gat,Aksib kurow bɛdaadaa Israel ahemfo.15Mede nkonimdifo bɛtoa mo;mo a mote Maresa.Nea ɔyɛ Israel onuonyamfo nobɛba Adulam.16Munyi mo tinwi mfa nni awerɛhow,wɔ mma a mo ani gye wɔn ho no ho;mommɔ tikwaw te sɛ opete,efisɛ, wɔbɛfa wɔn afi mo nkyɛnakɔ nnommum mu.