Kwadwom4twi_aka

1Hwɛ sɛnea sikakɔkɔɔ ayera ne hyerɛn no niSikakɔkɔɔ ankasa na ho abiri saa!Wɔatoto aboɔdemmo kronkron apetewɔ abɔnten biara so.
2Hwɛ sɛnea Sion mmabarima a wodi muna anka wɔsom bo sɛ sikakɔkɔɔ no ayɛ,mprempren wɔfa wɔn sɛ dɔte nkuku,ɔnwemfo nsa ano adwuma!
3Mpo adompo yi wɔn nufuma wɔn mma num,nanso me nkurɔfo ayɛ atirimɔdenfosɛ sohori a ɔwɔ sare so.
4Osukɔm nti, akokoaa tɛkrɛmafam ne dodo mu;mmofra no srɛ aduan,nanso obiara mfa mma wɔn.
5Wɔn a na anka wodi nnuan pa noohia buruburoo aka wɔn wɔ mmɔnten so.Wɔn a wɔde sirikyi tetew wɔn nomprempren wɔdeda nso a wɔaboa ano so.
6Me nkurɔfo asotweso sen Sodom awotuu wɔn mpofirim no,a wɔannya ɔboafo biara de.
7Na wɔn ahenemma ho twa sen sukyerɛmma,na wɔnan sen nufusu,na wɔn nipadua no bere, na ɛwɔ ahoɔden te sɛ abohemaa,na wɔte sɛ hoabo.
8Nanso mprempren de, wobiri sen wusiw bɔtɔ;na wonhu wɔn yiye wɔ mmɔnten so.Wɔn were atwintwam wɔ wɔn nnompe so;ho awo wosee sɛ abaa.
9Wɔn a wɔtotɔɔ wɔ afoa ano no ye koraasen wɔn a ɔkɔm kunkum wɔn;ɔkɔm tware wɔn ma wowuwu,esiane aduan a enni mfuw so nti.
10Mmea a wɔwɔ ayamhyehyede wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma,ayɛ wɔn aduan,bere a wɔsɛee me nkurɔfo no.
11Awurade ada nʼabufuwhyew nyinaa adi;wahwie nʼabufuw a ano yɛ den no.Ɔsɔɔ ogya ano wɔ Sionma ɛhyew ne fapem.
12Asase so ahemfo annye anni,wiase mu nnipa nso annye annisɛ atamfo betumi ahyɛnYerusalem apon mu.
13Nanso esii, nʼadiyifo no bɔnene nʼasɔfo amumɔyɛ nti,wɔn na wohwiee atreneefo mogyaguu wɔ kuropɔn no mu.
14Afei wɔkeka wɔ mmɔnten sote sɛ nnipa a wɔn ani afura.Mogya a ama wɔn ho agu fi no ntiobiara suro sɛ ɔde ne ho bɛka wɔn ntade.
15Nnipa teɛteɛɛ mu gu wɔn so se, “Mumfi ha nkɔ! Mo ho ntew!”“Monkɔ, monkɔ! Mommfa mo ho nka yɛn.”Sɛ woguan kɔnenam aamanaman no mu nnipa ka se,“Wɔrentumi ntena ha bio.”
16Awurade ankasa abɔ wɔn ahwete;nʼani nni wɔn so bio.Wɔmmfa nidi mma asɔfo,na wɔn ani nsɔ mpanyimfo.
17Nea ɛka ho bio, yɛn ani anni ammoa yɛn,yɛpɛɛ sɛ yebenya mmoa, nanso ɛyɛɛ ɔkwa;yefi yɛn abantenten so de yɛn ani tooɔman a wɔrentumi nnye yɛn so.
18Nnipa dii yɛn ntɛntɛnso wɔ yɛn anammɔntu mu,enti yɛantumi annantew yɛn mmɔnten so.Yɛn awiei bɛnee, na wɔkan yɛn nna,efisɛ na yɛn awiei adu so.
19Yɛn ataafo ho yɛ haresen akɔre a wɔwɔ wim;wɔtaa yɛn faa mmepɔw sona wɔtɛw yɛn wɔ sare so.
20Nea Awurade asra no ngo, yɛn nkwa home ankasa no,kɔtɔɔ wɔn mfiri mu.Yegye dii sɛ ne nwini ase,yebenya nkwa wɔ amanaman no mu.
21Di ahurusi na ma wʼani nnye, Edom Babea,wo a wote Us asase so.Wɔde kuruwa no bɛma wo nso bi;wobɛbow na wɔabɔ wo adagyaw.
22Ɔbabea Sion, wʼasotwe bɛba awiei;ɔremma wo nkɔ so ntena nnommum mu.Nanso Ɔbabea Edom, obetua wo bɔne so kana wada wʼamumɔyɛ adi.