Kwadwom3twi_aka

1Mene ɔbarima a mahu amanewɔ nʼabufuw abaa ano.2Wapam me afi ne ho ama manantewsum mu na ɛnyɛ hann mu;3Ampa ara wama nsa so atia mempɛn bebree, da mu nyinaa.
4Wama me were ne me nam anyinNa wabubu me nnompe.5Waka me ahyɛ mu, na watua me anoɔde nweenwen ne ahokyere atwa me ho ahyia.6Wama matena sum musɛ wɔn a wɔawuwu dedaw no.
7Wato ɔfasu atwa me ho ahyia enti mintumi nguan;wagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ama matɔ beraw.8Mpo sɛ mefrɛ anaasɛ mebɔ mpae srɛ mmoa aosiw me mpaebɔ ano.9Ɔde abotan asiw me kwan;wama mʼakwan ayɛ kɔntɔnkye.
10Te sɛ sisi a ɔda hɔ retwɛn,te sɛ gyata a watɛw,11ɔtwee me fii ɔkwan no mu bebaree mena ogyaw me a minni mmoa biara.12Okuntun ne ta muna ɔde ne bɛmma kyerɛɛ me so.
13Ɔde bɛmma a efi ne kotoku muhwirew me koma mu.14Meyɛɛ akyiwade maa me nkurɔfo nyinaa;wɔto akutia nnwomde di me ho fɛw da mu nyinaa.15Ɔde nhaban nweenwen ahyɛ me ma.Wama me bɔnwoma anom.
16Ɔde mmosea abubu me se;na watiatia me so wɔ mfutuma mu.17Wɔama asomdwoe abɔ me;na me werɛ afi yiyedi.18Enti mise, “Mʼanuonyam asa,nea mede mʼani too so Awurade mu no nyinaa.”
19Mekae mʼamanehunu wɔ mʼakyinkyinakyinkyin mu,nweenwen ne bɔnwoma mu.20Mekae yiye,na me kra abotow wɔ me mu.21Nanso midwen eyi ho;saa nti mewɔ anidaso.
22Awurade dɔ kɛse nti yɛnsɛee ɛ.Nʼayamhyehye nni huammɔ.23Ɛyɛ foforo anɔpa biara;wo nokwaredi yɛ kɛse.24Meka kyerɛ me ho se,“Awurade yɛ me kyɛfa, enti mɛtwɛn no.”
25Awurade ye ma wɔn a wɔn anidaso wɔ ne mu,onipa a ɔhwehwɛ no no;26Eye sɛ wɔyɛ kommde twɛn Awurade nkwagye.27Eye ma ɔbarima sɛ ɔsoa konnua nowɔ ne mmerantebere mu.
28Ma ɔntena ase komm,efisɛ Awurade de ato ne so.29Ma ɔmfa nʼanim nsie wɔ mfutuma mu,ebia anidaso wɔ hɔ.30Ma ɔmfa nʼafono mma nea ɔpɛɛ sɛ ɔbɔ no nona ɔnhyɛ no aniwu.
31Na Awurade ntow onipa biara nkyene koraa.32Ɛwɔ mu, ɔde awerɛhow ba de, nanso obenya ayamhyehye.Ne dɔ kɛse no to rentwa da.33Ofi amemenemfe mu de amanehunuanaa awerɛhow brɛ nnipa mma.
34Sɛ wɔde wɔn nan dwerɛwnneduafo a wɔwɔ asase no so a,35sɛ wotiatia obi ahofadi sowɔ Ɔsorosoroni no anim a,36anaa sɛ wobu obi ntɛnkyew a,Awurade renhu saa nneɛma yi ana?
37Hena na obetumi aka na wama aba muwɔ bere a ɛnyɛ Awurade na ɔhyɛe?38Ɛnyɛ Ɔsorosoroni no anomna mmusu ne nnepa fi ana?39Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔteasefo nwiinwiibere a wɔatwe nʼaso wɔ ne bɔne ho?
40Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu na yɛnsɔ nhwɛ,na yɛnsan nkɔ Awurade nkyɛn.41Momma yɛmma yɛn koma ne yɛn nsa so,nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na yɛnka se:42“Yɛayɛ bɔne, na yɛatew atuana wamfa ankyɛ.
43“Wode abufuw akata wo ho ataa yɛn;na woakunkum a woannya ahummɔbɔ.44Wode wo ho asie omununkum munti mpaebɔ biara nnu wo nkyɛn.45Woayɛ yɛn atantanne ne nwurawɔ amanaman no mu.
46“Yɛn atamfo nyinaa abaa wɔn anom tɛtrɛɛde tia yɛn.47Yɛabrɛ ne ahunahuna ne akukuruhwease,mmubui ne ɔsɛe.”
48Me nusu sen sɛ asutenefisɛ wɔasɛe me nkurɔfo.
49Me nusu bɛsen ara,na ɛrennyae,50kosi sɛ Awurade bɛhwɛafi ɔsoro, na wahu.51Nea mihu no ma me kra werɛ how,me kuropɔn no mu mmea nyinaa nti.
52Mʼatamfo a menyɛɛ wɔn hweepampam me sɛ anomaa.
53Wɔpɛɛ sɛ wotwa me nkwa sona wosiw me abo wɔ amoa mu;54nsu bu faa me ti so,na ɛyɛɛ me sɛnea wɔrewie me.
55Mebɔɔ wo din, Awuradefii amoa no ase tɔnn.56Wotee me sufrɛ: “Nsiw wʼasowɔ me gye sufrɛ ho.”57Wutwiw bɛn me bere a mefrɛɛ wo no,na wokae se, “Nsuro.”
58Wo Awurade, wudii mʼasɛm maa me;na wugyee me nkwa.59Woahu bɔne a wɔayɛ me, Awurade.Di mʼasɛm ma me!60Woahu wɔn aweretɔ no mu den,wɔn pɔw a wɔbɔ tia me no nyinaa.
61Awurade, woate wɔn ntwirii,wɔn pɔw a wɔbɔ tia me no nyinaa,62nea mʼatamfo ka no asomsɛm na wɔka no brɛoode tia me da mu nyinaa.63Hwɛ wɔn! Sɛ wogyinagyina hɔ anaasɛ wɔtete hɔ,wɔto akutia nnwom de di me ho fɛw.
64Fa nea ɛfata tua wɔn so ka, Awurade,nea wɔn nsa ayɛ nti.65Pirim wɔn koma,na ma wo nnome mmra wɔn so.66Fa abufuw taa wɔn, na sɛe wɔnfi Awurade ɔsorosoro ase.