Yoɛl1twi_aka

1Awurade asɛm a ɛbaa Petuel babarima Yoel so ni.

Mmoadabi San Tue

2Muntie saa asɛm yi, mo mpanyimfo;muntie, mo a mote asase no so nyinaa.Asɛm bi a ɛte sɛɛ asi mo mmere soanaa mo mpanyimfo mmere so pɛn?3Monka nkyerɛ mo mma,na mo mma nso nka nkyerɛ wɔn mmana wɔn mma nso nka nkyerɛ awo ntoatoaso a edi so no.4Nea mmoadabikuw no gyawee no,mmoadabi akɛse no awe;nea mmoadabi akɛse no gyawee no,mmoadabi nkumaa no awe;nea mmoadabi nkumaa no gyawee no,mmoadabi afoforo awe.5Mo asabowfo, munnyan, na munsu!Mo a monom bobesa nyinaa, muntwa adwo;muntwa adwo, nsa foforo no nti,efisɛ wɔahuam afi mo ano.6Ɔman bi atu mʼasase so sa;dɔm a wɔyɛ den na wontumi nkan wɔn;wɔn se te sɛ gyata sena wɔwɔ gyatabere sebɔmmɔfo.7Wasɛe me bobene me borɔdɔma nnua.Wawaawae nnua no ho bona,atow aguagyaw ne mman ho fitaa.
8Di awerɛhow sɛ ababaa a ofura atweaatamna ɔresu ne kunu a ɔwaree no ne mmabaabere mu.9Aduan ne ahwiesa afɔrebɔde,wɔayi afi Awurade fi.Asɔfo no retwa adwo,wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no.10Mfuw asɛe,asase no so awo woseeaduan no asɛensa foforo no ayowngo nyinaa asa.11Mo ani nwu, mo akuafo,muntwa adwo, mo a mudua bobe;Munsi apini mma awi ne atoko,efisɛ otwabere no asɛe.12Bobe no akisana borɔdɔma nnua no awuwu.Atoaa nnua, mmedua, aprɛ nennua a ɛwɔ mfuw no so nyinaa ahyew.Nokware, anigye a nnipa wɔ noatu ayera.13Mumfura atweaatam na munni awerɛhow, asɔfo;mo a mosom wɔ afɔremuka anim, muntwa adwo.Mumfura atweaatam mmesi pɛ,mo a mosom wɔ Onyankopɔn anim;efisɛ aduan ne ahwiesa afɔrebɔde noto atwa wɔ Onyankopɔn fi.14Mommɔ mmuadadi kronkron ho dawuru;momfrɛ nhyiamu kronkron.Momfrɛ mpanyimfone wɔn a wɔte asase no so nyinaammra Awurade mo Nyankopɔn fina wommesu mfrɛ Awurade.
15A, da no de!Awurade da no abɛn;Ɛbɛba sɛ ɔsɛe a efi Otumfo hɔ.16So aduan ho nkɔɔ wɛn, a yɛani tua,anigye ne ahosɛpɛw to atwawɔ yɛn Nyankopɔn fi ana?17Aba no wu wɔ asase wosee mu,adekoradan abubu,aburowpata nso so nni mfaso,efisɛ nnuan no ahyew.18Sɛnea anantwi su!na anantwikuw kyinkyin kwa.Nguankuw mpo rebrɛefisɛ wonni didibea.19Awurade, wo na misu frɛ wo,efisɛ ogya ahyew sare so adidibea,na ogyatannaa ahyew mfuw no so nnua nyinaa.20Wuram mmoa mpo pere hwehwɛ wo.Nsuwansuwa ayoyow,na ogya ahyew sare so adidibea.