Hiob37twi_aka
1“Eyi ma me koma bɔ kitirikitirina ehuruw fi nʼatenae.2Tie! Tie ne nne mmubomu,ne huuyɛ a efi nʼanom reba no.3Ogyaa nʼanyinam mu wɔ ɔsoro ase nyinaana ɔma ekodu asase ano.4Ɛno akyi na ne mmubomu no ba;ɔde nne kɛse bobɔ mu.Sɛ ɔkasa a,biribiara nsianka no.5Onyankopɔn nne bobɔ mu ma no yɛ nwonwa;ɔyɛ nneɛma akɛse a ɛboro yɛn adwene so.6Ɔka kyerɛ sukyerɛmma se, ‘Tɔ gu asase so,’ne osu nso se, ‘Yɛ osutɔ kɛse.’7Sɛnea nnipa a wabɔ wɔn nyinaa behu nʼadwuma nti,ɔma nnipa nyinaa gyae wɔn adwumayɛ.8Wuram mmoa kɔtetɛw;wɔkɔhyehyɛ wɔn abon mu.9Ahum tu fi ne pia mu,na awɔw nso fi mframa a ɛrebɔ mu.10Onyankopɔn home de sukyerɛmma ba,na nsu tamaa no kyen.11Ɔde fuonwini hyɛ omununkum ma;na otwa nʼanyinam fa mu.12Ɔhyɛ ma wokyinkyinfa asase so nyinaa hyiayɛ nea ɔhyɛ sɛ wɔnyɛ biara.13Ɔde omununkum ba bɛtwe nnipa aso,anaasɛ ɔma ɛtɔ gu asase so de kyerɛ nʼadɔe.14“Tie eyi, Hiob;gyae na dwene Onyankopɔn anwonwade ho.15Wunim sɛnea Onyankopɔn si fa di omununkum so,na ɔma nʼanyinam twa?16Wunim sɛnea omununkum si fa sensɛn wim,nea ɔwɔ nimdeɛ a so nni no anwonwade no?17Mo a mufi fifiri wɔ mo ntade mubere a anafo mframa ma asase no yɛ dinn no,18wubetumi aboa no ama watrɛw wim,a ɛyɛ den sɛ kɔbere mfrafrae ahwehwɛ?19“Kyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ no;yɛrentumi nka yɛn asɛm, efisɛ yennim.20Ɛsɛ sɛ wɔka nea mepɛ sɛ meka kyerɛ no ana?Onipa bi wɔ hɔ a ɔbɛpɛ sɛ wɔbɛmene no ana?21Obiara rentumi nhwɛ owia,sɛnea ɛhyerɛn wɔ wimbere a mframa abɔ ama wim atew.22Ofi atifi fam ba wɔ anuonyam sononko mu;Onyankopɔn ba wɔ ahenni nwonwaso mu.23Otumfo no korɔn wɔ yɛn so na wɔpagyaw no wɔ tumi mu;nʼatɛntrenee ne treneeyɛ kɛse akyi no mpo, ɔnyɛ nhyɛso.24Ɛno nti nnipa de nidi ma no,efisɛ onnwen koma mu anyansafo nyinaa ho ana?”