Hiob16twi_aka

Hiob Mmuae

1Afei Hiob buae se,2“Mate nsɛm bebree a ɛte sɛ eyinom;na mo nyinaa moyɛ ogyamserewfo!3So mo kasa tenten no remma awiei ana?Dɛn na ɛhaw mo nti a mugu so regye akyinnye yi?4Anka me nso metumi akasa sɛ mo,sɛ mo na mowɔ me tebea yi mu a,anka metumi akeka nsɛm a ɛyɛ dɛ atia mona mabu mo animtiaa.5Nanso anka mɛhyɛ mo den;anka awerɛkyekye nsɛm a ebefi mʼanom no bɛma mo ahotɔ.
6“Nanso sɛ mekasa a ɔyaw a mete no remmrɛ ase;na sɛ mankasa nso a, ɛrennyae.7Onyankopɔn, ampa ara woama mabrɛwoasɛe me fi pasaa.8Woakyekyere me, ama abɛyɛ adansedi;me so tew ara na ɛtew na edi adanse tia me.9Onyankopɔn tow hyɛ me so tetew me wɔ nʼabufuw muna ɔtwɛre ne se gu me so;nea ɔne me anya no pɔkyere nʼani hwɛ me.10Nnipa bue wɔn ano di me ho fɛw;wɔbɔ me sotɔre de bu me animtiaana wɔka wɔn ho bɔ mu de tia me.11Onyankopɔn de me ama abɔnefowatow me ato amumɔyɛfo nsam.12Na biribiara kɔ yiye ma me, nanso ɔdwerɛw me;osoo me kɔn mu, tow me hwee hɔ.Ɔde me asi nʼani so;13nʼagyantowfo atwa me ho ahyia,ohwirew mʼasaabo mu a wanhu me mmɔbɔmaa me bɔnwoma petee fam.14Ɔba me so bere biara;na ɔtow hyɛ me so sɛ ɔkofo.
15“Mapam atweaatam akata me were sona masie mʼanintɔn wɔ mfutuma mu.16Agyaadwotwa ama mʼani ayɛ kɔɔ;sunsuma kabii atwa mʼani ho ahyia,17nanso me nsa nyɛɛ basabasayɛ biarana me mpaebɔ yɛ kann.
18“Asase, nkata me mogya so;na mma me sufrɛ to ntwa da!19Mprempren mpo, me danseni wɔ ɔsoro;me kamafo wɔ soro hɔ.20Me dimafo yɛ mʼadamfobere a mʼaniwa tew nisu gu Onyankopɔn so yi;21ogyina onipa anan mu di ma no wɔ Onyankopɔn animsɛnea obi di ma nʼadamfo no.
22“Mfe kakraa bi akyiansa na metu kwan akɔ koransan.