Yeremia4twi_aka
1“Sɛ wo, Israel, wobɛsan wʼakyi a,san bra me nkyɛn,”sɛɛ na Awurade se.“Sɛ wuyi wʼahoni a ɛyɛ akyiwade fi mʼani sona sɛ woamman bio,2na sɛ wufi nokware, pɛpɛyɛ ne trenee muka ntam se, ‘Sɛ Awurade te ase yi,’ aafei wobehyira aman nona ne mu na wobenya anuonyam.”3Eyi ne asɛm a, Awurade ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalem:“Munsiesie mo asase a womfuntum da,na munnnua wɔ nsɔe mu.4Muntwitwa mo ho twetia mma Awurademuntwitwa mo koma twetia,mo Yuda mmarima ne Yerusalemfo,anyɛ saa a mʼabufuwhyew bɛsɔre na adɛw sɛ ogyamo bɔne a moayɛ nti,ɛbɛhyew a obiara rennum.”