Yeremia3twi_aka
1“Sɛ ɔbarima gyaa ne yerena ɔbea no kɔware ɔbarima foforo a,ɛsɛ sɛ ɔbarima no san kɔ ɔbea no nkyɛn ana?Ɛremma asase no ho ngu fi koraa ana?Nanso wo ne adɔfo bebree abɔ aguaman,na mprempren de wobɛsan aba me nkyɛn ana?”Awurade na ose.2“Ma wʼani so hwɛ nkoko no so.Baabi wɔ hɔ a wɔntoo wo mmonnaa da ana?Wotenaa kwankyɛn twɛn adɔfo,wotenaa sɛ mmoahwɛfo a wodi atutena wɔ nweatam so.Woagu asase no ho fi,wode wʼaguamammɔ ne wʼamumɔyɛ na ayɛ.3Enti wɔatwe obosu asan,na asusowbere su antɔ.Nanso wʼanim ayɛ sɛ oguamanfo a ɔmfɛre hwee;wʼani nwu hwee.4Nnansa yi ara, woamfrɛ me se:‘Mʼagya, me mmabunmmere mu adamfo,5wo bo befuw biribiara ana?Wʼabufuwhyew no bɛkɔ so daa ana?’Sɛɛ na wokasa,nanso woyɛ bɔne nyinaa sɛnea wutumi.”