Yeremia17twi_aka
1“Wɔde dade kyerɛwdua akrukyerɛw Yuda bɔne,dade kyerɛwdua a ano te sɛ kyerɛwbo,wɔ wɔn koma apon sone wɔn afɔremuka mmɛn so.2Mpo, wɔn mma kaewɔn afɔremuka ne Asera nnuaa ɛwɔ nnua a adennan no nkyɛnne nkoko atenten no so.3Me mmepɔw a ɛwɔ asase no so,mo ahonyade ne mo nnwetɛbona nyinaamede bɛma sɛ asade,ɛne mo sorɔnsorɔmmea nso,esiane mo man no so bɔne nti.4Mo ankasa mfomso nti mobɛhwereagyapade a mede maa mo no.Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfowɔ asase a munnim so so,efisɛ moahwanyan mʼabufuw,na ɛbɛtena hɔ daa.”5Sɛɛ na Awurade se,“Nnome nka nea ɔde ne ho to onipa so,nea ɔde ne ho to ɔhonam so pɛ nʼahoɔdenna ne koma dan fi Awurade ho.6Ɔbɛyɛ sɛ wura a ɛwɔ nsase tamaa so;sɛ yiyedi ba a ɔrenhu,ɔbɛtena nweatam a awo so,ne nkyene asase a obi nte so so.7“Nhyira nka onipa a ɔde ne ho to Awurade so,na nʼanidaso wɔ ne mu.8Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua no asu hona ne ntin teɛ kɔ asu no mu.Sɛ ahuhuru ba a onsuro;ne nhaban yɛ frɔmfrɔm mmere nyinaa.Onni ɔhaw biara wɔ afe a osu ntɔ muna ɛkɔ so sow aba daa.”9Koma yɛ nnaadaa sen ade nyinaana ano nni aduru.Hena na ɔbɛte nʼase?10“Me Awurade, mepɛɛpɛɛ koma muna mehwehwɛ adwene mu,gyina so de tua onipa ka sɛnea nʼabrabɔ te,ne sɛnea ɛfata ne nneyɛe.”11Sɛnea asɛmɛntɛ a osow nkesua a ɛnyɛ ɔno na ɔtowee no,saa ara na onipa a onya sika a ɔmfa ɔkwan pa so no te.Sɛ obu ne nkwa nna mu abien a wobegyaw no mu,na awiei no, ne kwasea bɛda adi.12Anuonyam ahengua a wɔama so fi mfiase no,ne yɛn kronkronbea.13Awurade, woyɛ Israel anidaso,wɔn a wɔpa wʼakyi nyinaa ani bewu.Wɔn a wɔtwe wɔn ho fi wo ho no, wobesie wɔnefisɛ wɔagyaw Awuradea ɔyɛ nkwa asuti no.14Sa me yare Awurade, na me ho bɛtɔ me;gye me na menya nkwa,na wo ne ɔbaako a mekamfo wo.15Wobisa me daa sɛ,“Ɛhe na Awurade asɛm no wɔ?Ma ɛmmra mu mprempren!”16Minnguan mfii mʼadwuma sɛ wo guanhwɛfo ho;wunim sɛ menhwehwɛɛ abasamtu da.Nea efi mʼanom yɛ pefee wɔ wʼanim.17Nhunahuna me;wo ne me guankɔbea wɔ amanehunu da.18Ma wɔn a wɔtaa me anim ngu ase,na yi me fi ahohora mu.Ma wɔmmɔ hu,nanso mma me koma ntu.Ma amanehunu da no mmra wɔn so;fa ɔhawprenu sɛe wɔn.