1“Medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔammisa mʼase;wɔn a wɔnhwehwɛ me no huu me.Ɔman a wonsu mfrɛ me no,meka kyerɛɛ wɔn se, ‘Mini, Mini.’2Da mu nyinaa, matrɛw me nsa mu amannipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano,a wɔnenam akwammɔne so,na wodi wɔn ankasa nsusuwii akyi.3Nnipa a daa no woyi me ahiwɔ mʼanim pɛɛ,wɔbɔ afɔre wɔ nturo muna wɔhyew nnuhuam wɔ ntayaa afɔremuka so;4wɔn a wɔtenatena nna sona anadwo wosii pɛ kokoa mu;wɔwe mprakonamna wɔn nkutu mu wɔ nkwan a wɔde nam a ɛho ntew ayɛ;5wɔka se, ‘Mumfi ha; mommmɛn me,efisɛ me ho tew dodo ma mo!’Saa nnipa yi yɛ wusiw wɔ me hwenem,ogya a ɛkɔ so hyew da mu nyinaa.6“Hwɛ; wɔakyerɛw ato hɔ wɔ mʼanim se,merenyɛ komm, metua so ka pɛpɛɛpɛ;metua so ka agu wɔn asrɛ so,7mo ne mo agyanom bɔne nti,”sɛɛ na Awurade se.“Esiane sɛ wɔhyew afɔrebɔde wɔ mmepɔw sona wotwirii me wɔ nkoko so ntimesusuw bɔne a wɔyɛɛ kan no so akatua pɛpɛɛpɛagu wɔn asrɛ so.”8Sɛɛ na Awurade se:“Sɛnea wonya nsu fi bobe kasiaw mu,na nnipa ka se, ‘Monnsɛe no,efisɛ ade pa bi da so wɔ mu’ nosaa ara na mʼasomfo no nti mɛyɛ.Merensɛe wɔn nyinaa.9Mede Yakob asefo bɛba,na me mmepɔw no sodifo afi Yuda aba;me nkurɔfo a mapaw wɔn no bedi wɔn ade,na hɔ na mʼasomfo bɛtena.10Saron bɛyɛ nguankuw adidibea,na Akor bon no ayɛ anantwikuw homebeaama me nkurɔfo a wɔhwehwɛ me.11“Na mo a mo de mugyaw Awuradena mo werɛ fi ne bepɔw kronkron no,mo a moto pon ma Ahonyana mohyɛ afrasa wɔ nkuruwa mu ma Nkrabea no,12mede mo bɛto afoa ano,na mo nyinaa akotow ama wɔakum mo;efisɛ mefrɛe nanso moannye so,mekasae nanso moantie.Moyɛɛ nea ɛyɛ mʼani so bɔnena moyɛɛ nea mempɛ.”13Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se:“Mʼasomfo bedidi,nanso ɔkɔm bɛde mo,mʼasomfo bɛnom,nanso osukɔm bɛde mo;mʼasomfo ani begye,nanso mo anim begu ase.14Mʼasomfo bɛto nnwomafi koma mu anigye muna mobɛteɛ mu asuafi mo koma ahoyeraw mu,na mubetwa adwo afi honhom a ayɛ mmrɛw mu.15Wubegyaw din bi a ɛbɛyɛ mmusuama wɔn a mapaw wɔn;Otumfo Awurade bekum wona nʼasomfo de, mɛma wɔn din foforo.16Obiara a ɔsrɛ nhyira wɔ asase no so no,bɛyɛ wɔ nokware Nyankopɔn koro no mu;obiara a ɔka ntam wɔ asase no sobɛka no wɔ nokware Nyankopɔn koro no mu.Na ɔhaw a atwa mu no wɔn werɛ befina wɔde behintaw me.17“Hwɛ! Mɛbɔɔsorosoro foforo ne asase foforo.Wɔrenkae nneɛma a atwam no bio,na ɛremma adwene mu nso.18Nanso momma mo ani nnye na munni ahurusi afebɔɔwɔ nea merebɛbɔ ho,efisɛ mɛbɔ Yerusalem ama ayɛ anigye,na mu nnipa ayɛ anigye farebae.19Mɛsɛpɛw me ho wɔ Yerusalem mu,na madi ahurusi wɔ me nkurɔfo ho.Na wɔrente agyaadwo ne osu nnyigyeiwɔ mu bio.20“Ɛrensi bio wɔ muabofra a ne nkwanna yɛ kakraa bi,anaa akwakoraa a onni ne mfe nwie;nea odi mfe ɔha na owu nowɔbɛfa no sɛ ɔbabun bi kɛkɛ;na nea wannya mfe ɔha nowɔbɛfa no sɛ wɔadome no.21Wobesisi afi na wɔatena mu,wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔadi mu aba.22Wɔrensisi afi mma afoforo mmɛtena mu bio,na wɔrennua mma afoforo mmedi.Na nna a dua di no,saa ara na me nkurɔfo nna bɛyɛ;me nkurɔfo a mapaw wɔn no bediwɔn nsa ano adwuma so aba akyɛ.23Wɔremmrɛ nguna wɔrenwo mma a wɔn nkrabea nye;efisɛ wɔbɛyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn,wɔne wɔn asefo.24Mebua wɔn ansa, mpo, na wɔafrɛ me.Bere a wogu so rekasa no metie.25Pataku ne oguamma bedidi abɔ mugyata bɛwe sare sɛ nantwi,nanso mfutuma bɛyɛ ɔwɔ aduan.Wɔrempira obi anaa wɔrensɛe obiwɔ me bepɔw kronkron so nyinaa,”sɛnea Awurade se ni.