Yesaia63twi_aka

Onyankopɔn Aweretɔ Ne Ogye Da No

1Hena ne oyi a ofi Edom reba,nea ofi Bosra a nkekae kɔkɔɔ wɔ nʼatade mu yi?Hena ne oyi a wɔahyehyɛ no kɔsɔɔ yi,a ɔde nʼahoɔden kɛse retutu taataa yi?“Ɛyɛ me a, mekasa wɔ trenee mu,nea otumi gye nkwa no.”
2Adɛn nti na mo ntade bere kɔɔ,te sɛ obi a ɔretiatia nsakyiamoa so de yi?
3“Me nko ara atiatia nsakyiamoa so,na amanaman no mu obiara anka me ho.Mitiatia wɔn so wɔ mʼabufuw muna mimiaa wɔn so wɔ mʼabufuwhyew mu;wɔn mogya bɔ petee me ntade mu,maa nkekae yɛɛ mʼadurade nyinaa mu.4Na aweretɔda wɔ me koma muna me gye afe aba.5Mehwɛe, nanso na ɔboafo biara nni hɔ,ɛyɛɛ me ahodwiriw sɛ obiara anso me mu;enti mʼankasa abasa yɛɛ nkwagyedwuma maa me,na mʼabufuw wowaw me.6Mitiatiaa amanaman no so wɔ mʼabufuw mu;mema wɔbobowee wɔ mʼabufuwhyew muna mihwiee wɔn mogya guu fam.”

Ayeyi Ne Mpaebɔ

7Mɛka Awurade ayamye ho asɛm,ne nneyɛe a enti ɔsɛ ayeyi,wɔ nea Awurade ayɛ ama yɛn nyinaa hoYiw, wɔ nneɛma pa bebree a wayɛama Israelfifo.Wɔ nʼayamhyehye ne ne mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no nti.8Ɔkae se, “Ampa ara wɔyɛ me nkurɔfo,mmabarima a wɔrenni me huammɔ;”ɛno nti ɔbɛyɛɛ wɔn Agyenkwa.9Wɔn amanehunu nyinaa mu, ɔno nso huu amane,na ɔbɔfo a ɔka ne ho no nso gyee wɔn.Ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu, ogyee wɔn;ɔmaa wɔn so na ɔsoaa wɔnmfe a atwa mu no nyinaa mu.10Nanso wɔtew atuade how ne Honhom Kronkron werɛ.Enti ɔbɛyɛɛ wɔn tamfona ɔno ankasa ko tiaa wɔn.11Afei ne nkurɔfo kae tete nna no,Mose ne ne nkurɔfo nna no.Ɛhe na nea ɔde wɔn faa po mu no wɔ?Ɔne ne nguan no hwɛfo no?Ɛhe na nea ɔmaa ne Honhom Kronkron notenaa wɔn mu no wɔ,12nea ɔsomaa nʼanuonyam basa a ɛwɔ tumisɛ ommegyina Mose nsa nifa so no,nea ɔpaee asu no mu wɔ wɔn anim,de gyee din maa ne ho afebɔɔ no,13nea odii wɔn anim faa bun musɛnea ɔpɔnkɔ fa asase tamaa so,wɔanhintiw;14te sɛ anantwi a wɔkɔ sare so,Awurade Honhom ma wɔhomee.Sɛnea wokyerɛɛ wo nkurɔfo kwande gyee anuonyam abodin maa wo ho ni.
15Brɛ wʼani ase hwɛ famfi wʼahengua a ɛkorɔn, ɛyɛ kronkron na ho wɔ nyam no so.Mo mmɔdemmɔ ne mo ahoɔden wɔ he?Wɔayi wʼayamhyehye ne wʼahummɔbɔ afi yɛn so.16Nanso wo ara wo ne yɛn Agyaɛwɔ mu, Abraham nnim yɛnna Israel nso nnye yɛn nto mu de;nanso wo, Awurade, wo ne yɛn Agya;efi tete, wo din ne; Yɛn Gyefo.17Adɛn, Awurade, na woma yɛkwati wʼakwanna wupirim yɛn koma enti ɛmma yenni wo ni?San bra, esiane wʼasomfo,mmusuakuw a wɔyɛ wʼagyapade no nti.18Bere tiaa bi mu wo nkurɔfo faa wo kronkronbeananso mprempren yɛn atamfo atiatia so.19Enti yɛyɛ wo de fi tete,nanso wɔn de, wunnii wɔn so henena wɔmmɔɔ wo din mfrɛɛ wɔn da.