Yesaia58twi_aka

Nokware Mmuadadi

1“Monteɛ mu dennen, monnnyae.Momma mo nne so sɛ torobɛnto.Mompae mu nka me nkurɔfo atuatew nkyerɛ wɔnna monka Yakobfi nso nnebɔne nkyerɛ no.2Da biara da wɔhwehwɛ me;ayɛ sɛ wɔpere sɛ wobehu mʼakwan,te sɛ wɔyɛ ɔman a wɔyɛ nea ɛteɛna wɔmpoo ne Nyankopɔn ahyɛde.Wobisa me hɔ gyinae a ɛteɛna ayɛ sɛ wɔpɛ sɛ Onyankopɔn bɛn wɔn.3Wɔka se, ‘Adɛn nti na yɛadi mmuadana woanhu yi?Adɛn nti na yɛabrɛ yɛn ho ase,na woanhwɛ yi?’“Nanso mo mmuada da no, moyɛ nea mopɛna musisi mo adwumayɛfo nyinaa.4Ntɔkwaw ne akasakasa na mode wie mo mmuadadi,ne akuturuku a mode bobɔ mo ho.Morentumi nni mmuada sɛnea moyɛ no nnɛ yina moahwɛ anim sɛ wɔbɛte mo nne wɔ ɔsoro.5Eyi ne mmuadadi a mepɛ ana?Da koro pɛ a onipa de brɛ ne ho ase no ana?Ɛne sɛ obi si ne ti ase te sɛ mfeana ɔtena atweaatam so ne nsõ mu nko ara ana?Eyi na mofrɛ no mmuadadi,da a ɛsɔ Awurade ani yi ni ana?
6“Saa mmuadadi yi na mepɛ:sɛ mubeyiyi ntɛnkyew nkɔnsɔnkɔnsɔnna moasan konnua ahama,sɛ mubegyaa wɔn a wɔhyɛ wɔn sona moabubu konnua biara.7So ɛnsɛ sɛ mo ne wɔn a ɔkɔm de wɔn kyɛ mo aduanna moma ohiani a ɔnenam no baabi tena;na muhu nea ɔda adagyaw a mumfura no ntamana munnyi mo ani mfi mo ankasa mo nkurɔfo ne mo abusuafo so ana?8Ɛno na mo hann bepue te sɛ ahemadakye,na mo ayaresa aba ntɛm so;afei mo trenee bedi mo anim,na Awurade anuonyam bɛbɔ mo kyidɔm.9Afei mobɛfrɛ, na Awurade begye mo so;mobɛteɛ mu ahwehwɛ mmoa, na ɔbɛka se: Mini.“Sɛ muyi nhyɛso konnua,nsa a moteɛ wɔ nnipa so ne ntwatoso fi hɔ,10na sɛ mohaw mo ho ma wɔn a ɔkɔm de wɔnna moma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nea ehia wɔn a,ɛno de, mo akanea bɛhyerɛn wɔ sum mu,na mo anadwo bɛyɛ sɛ owigyinae.11Awurade bɛkyerɛ mo kwan bere biara;ɔbɛma mo nea ehia mo wɔ asase wosee sona ɔbɛhyɛ mo nipadua den.Mobɛyɛ sɛ turo a wogugu so nsu yiye,sɛ asuwa a mu nsu nyow da.12Mo nkurɔfo bɛsan asi teteete nnwiriwii no,na wɔato fapem a akyɛ no;wɔbɛfrɛ mo Nea Osiesie Afasu a Abubu no,Nea Ogye Atenae Si Hɔ.
13“Sɛ mohwɛ mo anammɔntu so yiye Homedana moanyɛ nea mopɛ wɔ me da kronkron no,sɛ mofrɛ Homeda no anigye dana mudi Awurade da kronkron no nina moamfa mo ara mo akwan sona moanyɛ nea mopɛ anaa moanka nsɛnhunu a,14ɛno de mubenya anigye wɔ Awurade muna mɛma mo anantew asase no sorɔnsorɔmmea sona moato pon wɔ mo agya Yakob agyapade so.”Awurade na waka.